Adiyisɛm 9:1-21

9  Na ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto+ no. Na mihuu nsoromma+ bi a efi soro abɛhwe asase so, na wɔde amoa donkudonku+ no ano safe+ maa no.  Na obuee amoa no ano, na wusiw+ fii mu bae te sɛ fononoo+ kɛse mu wusiw, na amoa no mu wusiw nti, owia duruu sum,+ na wim nso saa ara.  Na mmoadabi+ fii wusiw no mu baa asase so; na wɔmaa wɔn tumi a ɛte sɛ tumi a asase so nkekantwɛre+ wɔ no ara bi.  Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnhaw asase so wura anaa ahaban momono anaa dua biara, na mmom nnipa a wonni Onyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma so no nkutoo.+  Na wɔmaa mmoadabi no kwan sɛ wɔnyɛ wɔn ayayade+ asram anum, na mmom wonnkum wɔn, na ayayade a ɛbaa wɔn so no te sɛ ayayade a obi hu bere a akekantwɛre+ aka no no.  Saa nna no mu no, nnipa no bɛhwehwɛ owu+ nanso wɔrenhu, na wɔbɛpɛ sɛ wowu nanso owu beguan afi wɔn ho.  Na mmoadabi no sɛso te sɛ apɔnkɔ+ a wɔasiesie wɔn ama ɔko; na biribi a ɛte sɛ sika abotiri wowɔ wɔn ti so, na wɔn anim+ te sɛ nnipa,  na wɔwɔ nhwi te sɛ mmea nhwi.+ Na wɔn sẽ te sɛ gyata sẽ;+  na wɔwɔ nkatabo+ te sɛ dade nkatabo. Ná wɔn ntaban gyigye te sɛ nteaseɛnam+ a apɔnkɔ bebree de tu mmirika kɔ ɔko.+ 10  Afei nso na wɔwɔ dua ne nwowɔe te sɛ nkekantwɛre;+ na wɔn dua mu na tumi wɔ a wɔde bɛhaw nnipa no asram anum. 11  Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so a ɔne amoa+ no bɔfo no. Ne din wɔ Hebri mu ne Abadon, na Hela mu no, ne din de Apolion.+ 12  Mmusu biako atwam. Hwɛ! Mmusu+ abien reba wɔ eyinom akyi. 13  Na ɔbɔfo+ a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto+ no. Na metee nne+ bi fii sika afɔremuka+ a ɛwɔ Onyankopɔn anim no mmɛn no mu 14  sɛ ɛreka kyerɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a okura torobɛnto no sɛ: “Sansan abɔfo+ baanan a wɔakyekyere wɔn+ wɔ asubɔnten kɛse Eufrate+ ho no.” 15  Na wɔsansan abɔfo baanan a wɔasiesie wɔn ama dɔn ne da ne ɔsram ne afe sɛ wonkum nnipa no mu nkyem abiɛsa mu biako no. 16  Ná apɔnkɔsotefo no dodow yɛ ɔpeduonu ahorow ɔpedu: Metee wɔn dodow. 17  Na sɛnea mihuu apɔnkɔ no ne wɔn a wɔtete wɔn so wɔ anisoadehu no mu ni: na wɔwɔ nkatabo a ɛte sɛ ogya kɔɔ ne afasebiri ne akokɔsrade; na apɔnkɔ no ti te sɛ agyata+ ti, na ogya ne wusiw ne sufre*+ fii wɔn anom bae. 18  Wɔnam ɔhaw abiɛsa yi so kunkum nnipa no mu nkyem abiɛsa mu biako, ogya ne wusiw ne sufre a efi wɔn anom bae no so. 19  Apɔnkɔ no anom ne wɔn dua mu na wɔn tumi wɔ; na wɔn dua te sɛ awɔ+ a wɔn ti tua so, na eyi na wɔnam so de ɔhaw ba. 20  Nanso nnipa a aka a ɔhaw no ankunkum wɔn no ansakra amfi wɔn nsa ano nnwuma ho,+ sɛnea anka ɛbɛyɛ a wɔrensom adaemone+ ne sika ne dwetɛ+ ne kɔbere ne abo ne dua ahoni a entumi nhu ade, nte asɛm, na entumi nnantew no;+ 21  na wɔansakra amfi wɔn awudi+ ne wɔn ahonhonsɛm+ ne wɔn aguamammɔ ne wɔn korɔnbɔ ho.

Ase Hɔ Nsɛm

Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw; wɔde gu ogya mu a ɛbɔn.