Mmebusɛm 10:1-32

10  Solomon+ mmebusɛm. Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+ na ɔba kwasea hyɛ ne maame awerɛhow.+  Mfaso remma ɔbɔnefo ademude so,+ na trenee na ebegye onipa afi owu mu.+  Yehowa remma ɔkɔm nne ɔtreneeni kra,+ na abɔnefo akɔnnɔde de, ɔbɛka agu.+  Ohia behia nea ɔde anihaw nsa yɛ adwuma,+ na nsiyɛfo nsa na ɛbɛma onipa adi yiye.+  Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu; na nea ɔda hatee twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.+  Nhyira wɔ ɔtreneeni atifi,+ na abɔnefo ano de, ɛkata amumɔyɛ so.+  Ɔtreneeni nkae bɛyɛ nhyira,+ na abɔnefo din de, ɛbɛporɔw.+  Koma mu onyansafo begye mmara nsɛm atom,+ na nea ɔde n’ano ka nkwaseasɛm de, wobetiatia no so.+  Nea ɔnam mũdi* mu no bɛnantew dwoodwoo,+ na nea ɔkyeakyea n’akwan de, ɔbɛma nnipa ahu no.+ 10  Nea obubu n’aniwa no ma nkurɔfo di yaw,+ na nea ɔde n’ano ka nkwaseasɛm de, wobetiatia no so.+ 11  Ɔtreneeni ano yɛ nkwa asuti;+ na abɔnefo ano de, ɛkata amumɔyɛ so.+ 12  Ɔtan toto nnipa ntam,+ na ɔdɔ de, ɛkata bɔne nyinaa so.+ 13  Nyansa wɔ onipa a ɔwɔ ntease ano,+ na abaa wɔ hɔ ma nea onni ti* akyi.+ 14  Anyansafo na wɔkora nimdeɛ,+ na ɔkwasea ano de, ɛbɛn ɔsɛe.+ 15  Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den,+ na abrɛfo de, wɔn hia na ɛsɛe wɔn.+ 16  Ɔtreneeni nnwuma ma nkwa;+ ɔbɔnefo aba de, ewie bɔne.+ 17  Nea oso nteɛso mu no nim nkwa kwan,+ na nea ontie ɔkasakyerɛ no de, ɔma nnipa fom kwan.+ 18  Nea ɔkata ɔtan so no wɔ atoro ano,+ na nea ɔsɛe nkurɔfo din no yɛ ɔkwasea.+ 19  Mfomso mpa ɔkasa dodow mu,+ na nea osianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.+ 20  Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa;+ ɔbɔnefo koma de, mfaso nni so.+ 21  Ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii,+ na nkwasea de, eti a wonni nti, wowuwu.+ 22  Yehowa nhyira​—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo,+ na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.+ 23  Ɔkwasea bu ahohwibra sɛ agoru,+ na onipa a ɔwɔ nhumu de,+ nyansa yɛ ne dea. 24  Ade a ɔbɔnefo suro no​—ɛno ara na ɛbɛba no so;+ na treneefo apɛde de, wɔbɛyɛ ama wɔn.+ 25  Sɛnea ahum twam no, saa ara na ɔbɔnefo betwam akɔ;+ na ɔtreneeni de, otim hɔ daa.+ 26  Sɛnea nsã nyinyanyinya yɛ ɛsẽ na wusiw yɛ aniwa no, saa ara na ɔkwadwofo yɛ wɔn a wɔsoma no no.+ 27  Yehowa suro to onipa nna so,+ na abɔnefo mfe de, wobetwa so.+ 28  Treneefo anidaso bɛyɛ ahurusi,+ na abɔnefo anidaso de, ɛbɛyera.+ 29  Yehowa kwan yɛ abannennen ma ɔtreneeni,+ na ɔsɛe wɔ hɔ ma abɔnefo.+ 30  Ɔtreneeni renhim da biara da;+ na abɔnefo de, wɔrentena asase so.+ 31  Ɔtreneeni ano​—ɛsow nyansa aba,+ na nkontompofo tɛkrɛma de, wobetwa.+ 32  Ɔtreneeni ano​—enya adom,+ na abɔnefo ano de, ɛka nkontomposɛm.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Mme 2:7 ase hɔ asɛm.
Hwɛ Mme 6:32 ase hɔ asɛm.