Mmebusɛm 15:1-33

15  Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa,+ na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.+  Anyansafo tɛkrɛma de nimdeɛ yɛ adepa,+ na nkwasea ano woro nkwaseasɛm.+  Yehowa aniwa wɔ baabiara;+ ɛhwɛ abɔnefo ne apapafo+ nyinaa.  Odwo tɛkrɛma yɛ nkwa dua,+ na sɛ ɛkyea a, ebubu honhom.+  Ɔkwasea bu ne papa nteɛso animtiaa,+ na onipa a obu ɔkasakyerɛ yɛ onitefo.+  Ɔtreneeni fie wɔ akorade pii,+ na ɔbɔnefo aba de, ɛde mmusu ba.+  Anyansafo ano pete nimdeɛ,+ na nkwasea koma de, ɛnte saa.+  Abɔnefo afɔrebɔ yɛ Yehowa akyide,+ na teefo mpaebɔ na n’ani gye ho.+  Ɔbɔnefo kwan yɛ Yehowa akyide,+ na nea ɔyɛ adetrenee na ɔdɔ no.+ 10  Nteɛso mu yɛ den ma nea ogyaw ɔkwan no;+ obiara a ɔtan ɔkasakyerɛ bewu.+ 11  Adamoa* ne ɔsɛe amoa+ mpo wɔ Yehowa anim,+ na adesamma koma mu na ɔrenhu?+ 12  Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔka n’anim.+ Ɔrenkɔ anyansafo nkyɛn.+ 13  Anigye koma ma onipa anim tew,+ na koma mu yaw ma honhom botow.+ 14  Ntease koma hwehwɛ nimdeɛ,+ na nkwasea ano di nkwaseasɛm akyi.+ 15  Mmɔborɔni de, da biara nye mma no;+ na nea ɔwɔ anigye koma no wɔ apontow mu daa.+ 16  Yehowa suro mu ade ketewa ye+ sen adedodow a ɔhaw bata ho.+ 17  Nhabamma aduan a ɔdɔ wom ye+ sen nantwi a wadɔ na ɔtan bata ho.+ 18  Obufufafo hwanyan ntɔkwaw mu,+ na nea ne bo kyɛ fuw ma ɔham gyae.+ 19  Ɔkwadwofo kwan te sɛ nsɔe ban,+ na teefo kwan so yɛ toromtorom.+ 20  Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+ na ɔkwasea bu ne maame animtiaa.+ 21  Nea onni ti* ani gye nkwaseasɛm ho,+ na onipa a ɔwɔ nhumu na ɔnam tee.+ 22  Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa,+ na agyinatufo dodow mu na ebegyina.+ 23  Onipa anom mmuae ma odi ahurusi,+ na asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye!+ 24  Nkwa kwan kɔ soro ma nhumufo,+ na ɔkwati Adamoa a ɛwɔ ase no.+ 25  Yehowa bedwiriw ahantanfo fie,+ na ɔbɛma okunafo hye atim.+ 26  Abɔnefo agyina yɛ Yehowa akyide,+ na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho tew.+ 27  Nea ɔpɛ mfaso bɔne no de mmusu ba ne fie,+ na nea ɔtan adanmude no benyin akyɛ.+ 28  Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae,+ na amumɔyɛfo ano woro nsɛmmɔne.+ 29  Yehowa ne amumɔyɛfo ntam kwan ware,+ na treneefo mpaebɔ de, otie.+ 30  Aniwa+ a ɛhyerɛn ma koma di ahurusi;+ amanneɛbɔ+ pa ma nnompe yɛ akɛse.+ 31  Asõ a etie nkwa animka+ no, anyansafo+ mu na ɛtena. 32  Nea ɔpo nteɛso no bu ne kra animtiaa,+ na nea otie ɔkasakyerɛ no nya adwempa.+ 33  Yehowa suro yɛ nteɛso a ɛma nyansa,+ na ahobrɛase di anuonyam anim.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.
Hwɛ Mme 6:32 ase hɔ asɛm.