Mmebusɛm 16:1-33

16  Koma mu nsusuwii yɛ ɔdesani dea,+ na tɛkrɛma mmuae fi Yehowa.+  Onipa akwan nyinaa ho tew wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari nsusuwii.+  Dan wo nnwuma gu Yehowa so,+ na wo nhyehyɛe betim.+  Biribi nti na Yehowa ayɛ ade nyinaa;+ ɔbɔnefo mpo, ɔwɔ hɔ ma da bɔne.+  Koma mu ɔhantanfo yɛ Yehowa akyide,+ na nsa tɔ nsayam mpo a, onipa remfa ne ho nni.+  Wɔde adɔe ne nokware na ɛpata mfomso,+ na Yehowa suro na ɛma onipa dan fi bɔne ho.+  Sɛ onipa akwan sɔ Yehowa ani a,+ ɔma n’atamfo mpo ne no tena asomdwoe mu.+  Trenee mu ade ketewa ye+ sen nnɔbae pii a atɛntrenee nni mu.+  Ɔdesani koma hyehyɛ ne kwan,+ na Yehowa na ɔkyerɛ n’anammɔn kwan.+ 10  Onyankopɔn adwene na ɛsɛ sɛ ɛtena ɔhene anom;+ ɛnsɛ sɛ n’ano kyea atemmu.+ 11  Susude ne nsenia a ɛyɛ pɛ yɛ Yehowa dea;+ kotoku mu abrammo nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.+ 12  Amumɔyɛsɛm ne ahene akyide,+ na trenee mu na ahengua tim.+ 13  Trenee ano ma ɔhenkɛse ani gye;+ na onipa a ɔka nea ɛteɛ na ɔdɔ no.+ 14  Ɔhene abufuw te sɛ owu abɔfo,+ na onyansafo na osiw ano.+ 15  Ɔhene animtew mu na nkwa wɔ,+ na n’adom te sɛ osutɔbere+ mu omununkum. 16  Nyansa nya de, O hwɛ sɛnea eye sen sika!+ Na ntease, sɛ wɔpaw a, eye sen dwetɛ.+ 17  Teefo tempɔn ne bɔne kwati.+ Nea ɔhwɛ ne kwan no kora ne kra so.+ 18  Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ 19  Eye sɛ wo ne ahobrɛasefo benya ahobrɛase honhom+ sen sɛ wo ne ahomasofo bɛkyɛ asade.+ 20  Nea ɔda nhumu adi wɔ asɛm mu no, ebesi no yiye;+ anigye ne nea ɔde ne ho to Yehowa so.+ 21  Koma mu nyansafo na wɔbɛfrɛ no ntease,+ na nea n’anom kasa yɛ dɛ na nkurɔfo tie no.+ 22  Nhumu yɛ nkwa asuti+ ma ne wura; na nkwasea nteɛso yɛ nkwaseasɛm.+ 23  Onyansafo koma ma n’ano da nhumu adi,+ na ɛma n’anom kasa yɛ dɛ.+ 24  Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm;+ ɛyɛ ɔkra dɛ na ɛsa nnompe yare.+ 25  Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so,+ nanso n’awiei yɛ owu kwan.+ 26  Nea ɔpɛ adwuma no kra yɛ adwumaden ma no,+ efisɛ n’ano regye adi.+ 27  Ohuhuni bɔre hwehwɛ bɔne,+ na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehye.+ 28  Onipa kɔntɔnkye toto nnipa ntam,+ na nea ɔsɛe nkurɔfo din no tetew nnamfo ntam.+ 29  Omumɔyɛfo daadaa ne yɔnko,+ na ɔma ɔfa ɔkwan a enye so.+ 30  Obubu n’aniwa de bɔ pɔw bɔne.+ Ɔwe n’ano de di bɔne. 31  Atifi dwen, sɛ wohu no trenee kwan so a,+ ɛyɛ abotiri a ɛyɛ fɛ.+ 32  Nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima,+ na nea odi ne honhom so ye sen nea ɔko fa kurow.+ 33  Onipa srɛ so na wɔtwe ntonto,+ nanso nea efi mu ba biara fi Yehowa.+

Ase Hɔ Nsɛm