Mmebusɛm 17:1-28

17  Paanoo wosee a asomdwoe wom+ ye sen ofie a afɔrebɔde a wɔko ho ahyɛ mu mã.+  Akoa a ɔwɔ nhumu bedi ɔba a ɔyɛ aniwude+ so, na obenya mma agyapade+ no bi.  Ɔnanfo kuku wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika,+ na Yehowa na ɔhwehwɛ koma mu.+  Ɔdebɔneyɛfo tie amumɔyɛfo ano.+ Ɔtorofo yɛ asõ ma tɛkrɛma a ɛde amanehunu ba.+  Nea odi ohiani ho fɛw no bɔ ne Bɔfo ahohora.+ Nea odi ne yɔnko amanehunu ho ahurusi no remfa ne ho nni.+  Nkwakoraa abotiri ne mmanana,+ na mma ahoɔfɛ ne wɔn agyanom.+  Teeyɛ ano mfata nea onni adwene.+ Nkontompo ano nso mfata onuonyamfo koraa!+  Akyɛde te sɛ aboɔdenbo a wɔde nya anuonyam wɔ ne wura ani so.+ Baabiara a ɔbɛfa no, esi no yiye.+  Nea ɔkata bɔne so no hwehwɛ ɔdɔ,+ na nea otĩ asɛm mu no tetew nnamfo ntam.+ 10  Animka yɛ adwuma yiye wɔ nea ɔwɔ ntease mu+ sen sɛ wɔbɛbɔ ɔkwasea mmaa ɔha.+ 11  Atuatew nkutoo na ɔbɔnefo hwehwɛ,+ na ɔbɔfo a wɔsoma no kɔ ne nkyɛn no renhu no mmɔbɔ.+ 12  Osisi a wɔafa ne mma+ hyia wo a, eye sen ɔkwasea a ɔte ne nkwaseasɛm mu.+ 13  Obiara a ɔde bɔne tua papa so ka+ no, bɔne rempa ne fie.+ 14  Ntɔkwaw mfiase te sɛ nsu a atue;+ enti ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.+ 15  Nea obu ɔbɔnefo bem+ ne nea obu ɔtreneeni fɔ+​—wɔn nyinaa yɛ Yehowa akyide.+ 16  Dɛn nti na ɔkwasea kura nea obetumi de atɔ nyansa+ bere a onni ti?+ 17  Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+ 18  Onipa a onni ti kyia nsam+ de di agyinam wɔ ne yɔnko anim.+ 19  Nea ɔpɛ mmarato no pɛ ntɔkwaw.+ Nea ɔma ne dan ano kɔ soro no hwehwɛ asehwe.+ 20  Koma mu kɔntɔnkyefo renhu papa,+ na nea ɔdannan n’ano bɛhwe mmusu mu.+ 21  Ɔba kwasea papa bedi ne ho awerɛhow;+ na ɔba a onni adwene no, ahurusi bi nni hɔ mma ne papa.+ 22  Anigye koma sa yare;+ honhom a abotow ma nnompe mu yow.+ 23  Ɔbɔnefo begye adanmude kokoam*+ de adan atemmu ani.+ 24  Nyansa wɔ nea ɔwɔ ntease anim,+ na ɔkwasea aniwa de, ɛdeda asase ano nohoa.+ 25  Ɔba kwasea hyɛ ne papa ahometew,+ na ɔma ne maame di awerɛhow.+ 26  Bio nso, ɛmfata sɛ wɔbɛbɔ ɔtreneeni ka.+ Ɛnteɛ sɛ wɔbɛhwe ɔdehye.+ 27  Nea ɔkora n’ano no wɔ nimdeɛ,+ na nhumufo honhom dwo.+ 28  Ɔkwasea mpo, sɛ omua n’ano a, wobu no onyansafo;+ nea ɔka n’ano tom no, wobu no sɛ ɔwɔ ntease.

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ, “Ɔbɔnefo begye adanmude afi obi kokom.”