Mmebusɛm 19:1-29

19  Ohiani a ɔnam ne mũdi* mu no ye+ sen nea ɔwɔ ano kɔntɔnkye, ne ɔkwasea.+  Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye,+ na nea ɔpere ne ho ne nantew mu no yɛ bɔne.+  Ɔdesani nkwaseasɛm na ɛkyea ne kwan,+ na ne koma huru hyɛ Yehowa.+  Ahode ma onipa nya nnamfo pii,+ na ohiani de, ne nnamfo mpo twe wɔn ho fi ne ho.+  Ɔdansekurumfo remfa ne ho nni,+ na nea ɔkeka atosɛm remfa ne ho nni.+  Nnipa pii na wɔhwehwɛ otitiriw anim dom,+ na nea ɔkyɛ ade yɛ obiara yɔnko.+  Ohiani nuanom nyinaa tan no.+ Ne nnamfo mpo atwe wɔn ho kɔ akyirikyiri!+ Ɔhwehwɛ wɔn aka biribi akyerɛ wɔn, nanso onnya wɔn.+  Nea onya adwempa+ no dɔ ne kra. Nea ɔkora nhumu no behu papa.+  Ɔdansekurumfo remfa ne ho nni,+ na nea ɔkeka atosɛm bɛyera.+ 10  Asetena pa mfata ɔkwasea.+ Sɛ́ akoa bedi mpanyimfo so+ de, enye koraa! 11  Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase,+ na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu bɔne so.+ 12  Ɔhene abufuw te sɛ gyata a ɔbobom,+ na n’anim dom te sɛ wura so bosu.+ 13  Ɔba kwasea ma ne papa hu amane,+ na ɔyere gyigyefo te sɛ ɔdan a enwini na ɛpam onipa.+ 14  Ofie ne ahode yɛ agyapade a papanom de gyaw wɔn mma,+ na ɔyere badwemma fi Yehowa.+ 15  Anihaw ma obi da hatee,+ ɔkwadwofo kra di kɔm.+ 16  Nea ɔkora mmara nsɛm no kora ne kra;+ nea obu n’ani gu n’akwan so no, wobekum no.+ 17  Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa,+ na nea ɔde ama no, Obetua no ka.+ 18  Anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba;+ mma ne wu nnyɛ wo akɔnnɔ.+ 19  Nea n’abufuw sõ no, ɛka na wɔbɔ no;+ na sɛ wutwitwa gye no a, wubetwitwa agye no, atwitwa agye no bio.+ 20  Tie afotu na gye nteɛso,+ na woahu nyansa daakye.+ 21  Onipa komam nsusuwii dɔɔso,+ na Yehowa agyina na ebetim.+ 22  Ade a ɛyɛ fɛ wɔ ɔdesani ho ne n’adɔe;+ na ohiani ye sen ɔtorofo.+ 23  Yehowa suro ma nkwa,+ na ɛma onipa da ma n’asom dwo no;+ adebɔne bi remma no so.+ 24  Ɔkwadwofo de ne nsa ato asanka mu;+ ontumi mfa nkɔ n’ano mpo.+ 25  Bɔ ɔfɛwdifo+ na ogyimfo no ani ntew;+ ma onipa a ɔwɔ ntease ɔkasakyerɛ, na obenya nimdeɛ.+ 26  Nea odi ne papa ani na ɔpam ne maame+ no, ɔyɛ aniwu ne animguase ba.+ 27  Me ba, sɛ wugyae nteɛso tie a, ebeyi wo afi nimdeɛ nsɛm ho.+ 28  Ɔdansefo huhuni di atɛntrenee ho fɛw,+ na amumɔyɛfo ano memene bɔne.+ 29  Atemmu tim hɔ ma afɛwdifo,+ na mmaa nso wɔ hɔ ma nkwasea akyi.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Mme 2:7 ase hɔ asɛm.