Mmebusɛm 20:1-30

20  Nsã yɛ ɔfɛwdifo,+ mmosã yɛ otutupɛfo;+ obiara a ɛde no yɛ akoa no nnim nyansa.+  Ɔhene ho hu te sɛ gyata a ɔbobom.+ Obiara a ɔhyɛ no abufuw no yɛ ne kra+ bɔne.  Ɛyɛ anuonyam sɛ onipa bɛtwe ne ho afi akasakasa ho,+ na ɔkwasea de, ɔde ne ti wura mu.+  Awɔw nti ɔkwadwofo nnɔw;+ ɔbɛsrɛsrɛ ade otwabere, nanso ɔrennya hwee.+  Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ,+ na nhumufo na ɔbɛsaw.+  Nnipa pii de wɔn ano bɔ adɔe ho dawuru,+ nanso ɔnokwafo de, ne ho yɛ nã sɛ!+  Ɔtreneeni nam ne mũdi* mu.+ Anigye ne ne mma a wɔbɛba wɔ n’akyi.+  Ɔhene te atemmu agua so,+ na ɔde n’aniwa huw bɔne gu.+  Hena na obetumi aka sɛ: “Matew me komam;+ mahohoro me bɔne”?+ 10  Nkaribo ahorow abien ne efa susude ahorow abien+​—ne nyinaa yɛ Yehowa akyide.+ 11  Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu sɛ ne nnwuma ho tew na ɛteɛ.+ 12  Asõ a ɛte asɛm ne aniwa a ehu ade​—Yehowa na ɔyɛɛ n’abien nyinaa.+ 13  Mma nna nnyɛ wo dɛ, na anhia wo.+ Bue w’aniwa; ma aduan mmee wo.+ 14  Ɔdetɔfo ka sɛ, “enye, enye!” na ɔdan ne ho kɔ,+ afei ɔhoahoa ne ho.+ 15  Sika wɔ hɔ, na mmota pii nso wɔ hɔ; nanso nimdeɛ ano yɛ anwenne a ne bo yɛ den.+ 16  Nea odi ɔhɔho agyinam no, gye ne ntama;+ ɔbarima a okodi ɔbea huhuni akyi no, gye no awowade.+ 17  Aduan a wɔnam nkontompo so nya no yɛ onipa dɛ,+ nanso akyiri yi, mmosea yɛ n’anom mã.+ 18  Agyinatu na ɛma tirimbɔ gyina;+ fa akwankyerɛ pa kɔ wo sa.+ 19  Nea ɔnenam sɛe nkurɔfo din no yi atirimsɛm adi;+ na wo ne nea n’ano nna nnnya twaka biara.+ 20  Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame+ no, ne kanea bedum esum mu.+ 21  Agyapade a wɔde anibere nya+ no, n’awiei renyɛ nhyira.+ 22  Nka sɛ: “Metua bɔne so ka!”+ Fa w’ani to Yehowa so,+ na obegye wo.+ 23  Nkaribo ahorow abien yɛ Yehowa akyide,+ na nsisi nsenia nso, enye.+ 24  Ɔbarima anammɔntutu fi Yehowa.+ Ɔdesani de, ɔbɛyɛ dɛn ahu ne kwan mu?+ 25  Ɛyɛ afiri ma ɔdesani sɛ ɔde ahopere bɛka sɛ, “Ɛyɛ ade kronkron!”+ na ɔbɛhyɛ bɔ+ ansa na wahwehwɛ mu.+ 26  Ɔhene nyansafo huw abɔnefo gu,+ na ɔde ntwahonan fa wɔn so.+ 27  Ɔdesani home+ ne Yehowa kanea, ɛhwehwɛ nea ɛwɔ onipa mu+ nyinaa. 28  Adɔe ne nokware​—ɛbɔ ɔhene ho ban;+ na adɔe so na n’ahengua tim.+ 29  Mmerante ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden,+ na nkwakoraa anuonyam ne wɔn atifi dwen.+ 30  Mmaa a epira pam bɔne;+ na ɔhwe du koma ho tɔnn.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Mme 2:7 ase hɔ asɛm.