Mmebusɛm 21:1-31

21  Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam.+ Baabi a ɔpɛ biara na ɔdan kɔ.+  Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari koma.+  Adetreneeyɛ ne atɛntrenee sɔ Yehowa ani sen afɔrebɔ.+  Ahantan aniwa ne ahantan koma+ ne abɔnefo kanea yɛ bɔne.+  Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba,+ na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.+  Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma nya no yɛ mframa a ehuw kɔ+ ma wɔn a wɔhwehwɛ owu.+  Abɔnefo amumɔyɛsɛm na ɛde wɔn bɛkɔ,+ efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ.+  Ɔnanani kwan akyea,+ na ɔtreneeni de, ɔteɛ ne nnwuma mu.+  Eye sɛ obi bɛtena ɔdan atifi mantwea baabi+ sen sɛ ɔne ɔyere gyigyefo bɛtena ofie biako mu.+ 10  Ɔbɔnefo kra kɔn dɔ bɔne;+ ɔrenhu ne yɔnko mmɔbɔ.+ 11  Sɛ wɔbɔ ɔfɛwdifo ka a, nea onni ti no sua nyansa;+ sɛ wɔma onyansafo nhumu a, onya nimdeɛ.+ 12  Ɔtreneeni No de n’ani to fam hwɛ ɔbɔnefo fie;+ otutu abɔnefo ase ma wohu mmusu.+ 13  Nea osisiw n’aso ɔbrɛfo su ho+ no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.+ 14  Kokoam adekyɛ dwudwo abufuw,+ na kokom adanmude+ dwudwo abufuhyew. 15  Ɔtreneeni ani gye sɛ obedi asɛntrenee;+ asɛnkɛse da hɔ ma wɔn a wɔyɛ adebɔne.+ 16  Onipa a ɔdan ne ho fi nhumu kwan so+ no, awufo asafo mu na ɔbɛhome.+ 17  Nea ɔdɔ anigye no bedi hia;+ nea ɔpɛ nsã ne ngo dodo no, ɔrennya ne ho.+ 18  Ɔbɔnefo bɛyɛ agyede ama ɔtreneeni;+ na okontomponi besi teefo ananmu.+ 19  Eye sɛ obi bɛtena sare so sen sɛ ɔne ɔyere gyigyefo a ɔhyɛ abufuw bɛtena.+ 20  Ademude a ɛsom bo ne ngo wɔ onyansafo tenabea,+ na ɔkwasea de, ɔsɛe no.+ 21  Nea ɔhwehwɛ trenee ne adɔe+ no, obenya nkwa ne trenee ne anuonyam.+ 22  Onyansafo foro kɔ nnɔmmarima kurow mu, na odwiriw ahoɔden a wɔde wɔn ho to so no gu.+ 23  Nea ɔkora n’ano ne ne tɛkrɛma no, ɔkora ne kra fi ahohia mu.+ 24  Nea ɔyɛ ahantan n’abufuw mu no, wɔbɛfrɛ no ɔhantanni ne ɔhohoahoafo.+ 25  Ɔkwadwofo akɔnnɔ na ebekum no, efisɛ ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma.+ 26  Ne kɔn dɔ daa; ɔtreneeni de, ɔma, na ɔnkame hwee.+ 27  Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide.+ Na sɛ ahohwibra+ bata ho de a, enye koraa. 28  Ɔdansekurumfo bɛyera,+ na onipa a otie asɛm no, ɔbɛkasa daa.+ 29  Ɔbɔnefo atõtõ n’ani awe,+ na ɔtreneeni de, ɔbɛma n’akwan atim daa.+ 30  Nyansa ne nhumu ne afotu bi nni hɔ a ɛne Yehowa bedi asi.+ 31  Wosiesie ɔpɔnkɔ ma ɔkoda,+ na nkwagye de, ɛwɔ Yehowa nsam.+

Ase Hɔ Nsɛm