Mmebusɛm 27:1-27

27  Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,+ na wunnim nea ɛda de bɛba.+  Ma ɔhɔho nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ankasa w’ano; ma ɔnanani nyɛ, na ɛnyɛ w’anofafa.+  Ɔbo mu duru ne anhwea ade mã+​—ɔkwasea agyigyesɛm mu yɛ duru sen n’abien nyinaa.+  Abufuw yɛ atirimɔden, na abufuhyew+ te sɛ nsuyiri; ninkuntwe de, hena na obetumi agyina anim?+  Animka pefee ye+ sen ɔdɔ a ahintaw.  Sɛ ɔdɔfo pira wo a, efi nokwaredi mu,+ na ɔtamfo mfewano, gye sɛ wɔsrɛ.+  Ɔkra a wamee tiatia ɛwokyɛm so, na ɔkra a ɔkɔm de no de, ade a ɛyɛ nwene biara yɛ no dɛ.+  Sɛnea anomaa a oguan fi ne berebuw mu te no,+ saa ara na onipa a oguan fi ne tenabea te.+  Sɛnea ngo ne aduhuam+ ma koma di ahurusi no, saa ara na ayɔnkofa mu dɛ a efi komam agyinatu te.+ 10  Nnyaw w’adamfo anaa wo papa adamfo, na nkɔhyɛn wo nua fie w’amanehunu da. Ofipamfo a ɔbɛn ye sen onua a ɔwɔ akyirikyiri.+ 11  Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam,+ na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.+ 12  Onitefo hu mmusu na ɔde ne ho hintaw;+ ogyimfo a ɔfa mu no nya asotwe.+ 13  Nea odi ɔhɔho agyinam no, gye ne ntama;+ ɔbarima a okodi ɔbea huhuni akyi no, gye no awowade.+ 14  Sɛ obi de nne kɛse hyira ne yɔnko anɔpatutuutu a, wobebu no sɛ ɛyɛ nnome.+ 15  Ɔyere gyigyefo te sɛ ɔdan a enwini na ɛpam onipa osutɔ da.+ 16  Obiara a osianka no no sianka mframa, na ngo na ne nsa nifa beso mu. 17  Dade na wɔde sew dade ano. Saa na onipa nso sew ne yɔnko anim.+ 18  Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no, ɔno nso bedi n’aba,+ na nea ɔwɛn ne wura no benya nidi.+ 19  Sɛnea anim hu anim nsu mu no, saa ara na onipa koma hu ne yɔnko de. 20  Adamoa* ne ɔsɛe amoa+ mmee da,+ na onipa aniwa nso mmee da.+ 21  Ɔnanfo kuku wɔ hɔ ma dwetɛ,+ na fononoo wɔ hɔ ma sika;+ onipa de, sɛnea n’ayeyi te na wɔde hu no.+ 22  Sɛ wode ɔwɔmma siw ɔkwasea muhumuhu fra awi wɔ waduru mu mpo a, ne nkwaseasɛm no remfi ne mu.+ 23  Ohu na hu wo nguan yiye. Fa wo koma si wo nguankuw so;+ 24  na ahonyade rentena hɔ afebɔɔ,+ na ahemmotiri nso rentena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. 25  Sare kɔ, na sare foforo fifi, na mmepɔw so nhabamma yɛ bebree.+ 26  Nguammaa ma wo ntama,+ na mpapo yɛ asase bo. 27  Na wubenya mmirekyi nufusu a ɛbɛsõ w’aduan, wo fiefo aduan, ne wo mmeawa asetenade.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.