Mmebusɛm 28:1-28

28  Nnebɔneyɛfo guan bere a obiara mpam wɔn,+ na treneefo de, wɔte sɛ gyataforo a ɔwɔ akokoduru.+  Kurow mmarato na ɛma n’ahene dɔɔso,+ na nhumufo a onim nea ɛteɛ bɛma ɔhene atena so akyɛ.+  Ɔbarima hiani a osisi+ abrɛfo te sɛ osu a ɛpra nneɛma kɔ a ɛmma aduan mma.  Sɛ wɔn a wogyaw mmara no yi nnebɔneyɛfo ayɛ+ a, wɔn a wodi mmara so no ani bere wɔn so.+  Nnipa a wɔpɛ bɔne no nte atɛntrenee ase, na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, wɔte biribiara ase.+  Ohiani a ɔnam mũdi* mu no ye sen onipa a n’akwan akyea na ɔyɛ ɔdefo.+  Ɔba a ɔwɔ ntease di mmara so,+ na nea ɔne adidifo bɔ de, ogu ne papa anim ase.+  Nea ɔde mfɛntom+ ne nsiho nya ahode pii no boaboa ano ma nea ohu abrɛfo mmɔbɔ.+  Nea oyi n’asõ fi mmara tie ho+ no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.+ 10  Nea ogyigye teefo kɔ bɔne kwan so+ no, ɔbɛhwe n’ankasa amoa mu,+ na wɔn a wɔn ho nni asɛm de, wobenya adepa adi.+ 11  Ɔdefo yɛ n’ani so onyansafo,+ na ɔbrɛfo a ɔwɔ nhumu de, ohu nea ɛwɔ no mu.+ 12  Sɛ treneefo di ahurusi a,+ ɛyɛ fɛ pii; na sɛ nnebɔneyɛfo sɔre a, nnipa sakra wɔn ho.+ 13  Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye,+ na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.+ 14  Anigye ne onipa a osuro ne ho daa,+ na nea opirim ne koma de, ɔbɛhwe mmusu mu.+ 15  Sodifo bɔne a odi abrɛfo so no te sɛ gyata a ɔbobom ne osisi a wabɔ kirididi reba.+ 16  Ɔkannifo a onni nhumu amimdi dɔɔso,+ na nea okyi mfaso bɔne+ no bɛma ne nna akyɛ. 17  Onipa a ɔkra mogya ho afɔdi da no so no, obeguan ara akɔtɔ amoa mu.+ Mma obiara nnso no mu. 18  Nea ɔnam pɛyɛ mu no benya nkwa,+ na nea ɔkyea n’akwan no bɛhwe ase prɛko pɛ.+ 19  Nea ɔdɔw n’asase no benya aduan adi amee,+ na nea odi adehunu akyi no, ohia bɛmee no.+ 20  Onipa nokwafo benya nhyira pii,+ na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho no remfa ne ho nni.+ 21  Enye sɛ wobɛyɛ animhwɛ,+ na enye nso sɛ paanoo sin nti, ɔbarima bɛto mmara. 22  Oniberefo haw ne ho ahonyade ho,+ nanso onnim sɛ ohia na ɛbɛba no so. 23  Nea ɔka obi anim no,+ akyiri yi obenya anuonyam asen nea ɔde ne tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ. 24  Nea ɔbɔ ne papa ne ne maame korɔn+ na ɔka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne”+ no, ɔyɛ ɔdesɛefo adamfo. 25  Nea ɔyɛ ahantan no hwanyan ntɔkwaw mu,+ na nea ɔde ne ho to Yehowa so de, ɔbɛdɔ srade.+ 26  Nea ɔde ne ho to n’ankasa koma so yɛ ɔkwasea,+ na nea ɔnantew nyansa mu na obenya ne ti adidi mu.+ 27  Nea ɔma ohiani no, hwee renhia no,+ na nea oyi n’ani de, obenya nnome pii.+ 28  Sɛ nnebɔneyɛfo sɔre a, nnipa hintaw;+ na sɛ wɔyera a, treneefo dɔɔso.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Mme 2:7 ase hɔ asɛm.