Mmebusɛm 29:1-27

29  Onipa a wɔtaa kasa kyerɛ no+ a osen ne kɔn no,+ obebu mpofirim, na ɔrennya ayaresa.+  Treneefo dɔɔso a, ɔman di ahurusi;+ na ɔdebɔneyɛfo di so a, ɔmanfo si apini.+  Onipa a ɔdɔ nyansa ma ne papa di ahurusi,+ na nea ɔne nguaman bɔ no sɛe ade.+  Ɔhene de atɛntrenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ogyigye adanmude dwiriw gu.+  Ɔbarima a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko+ no gu n’anammɔn asau.+  Ɔbɔnefo mmarato mu wɔ afiri,+ na ɔtreneeni to ahurusi dwom na n’ani gye.+  Ɔtreneeni nim abrɛfo asɛm.+ Ɔdebɔneyɛfo de, saa nimdeɛ no mfa ne ho.+  Ahohoahoafo sɔ kurow mu gya,+ na anyansafo sianka abufuw.+  Onyansafo a ɔne ɔkwasea di asɛm​—ne bo fuw na ɔserew, na ɔhome nnim.+ 10  Mogyapɛfo tan pɛyɛfo;+ na teefo de, wɔhwehwɛ yiyedi ma obiara kra.+ 11  Ɔkwasea yi n’abufuw nyinaa adi, na onyansafo dwudwo ne de kosi ase.+ 12  Sɛ sodifo tie atosɛm a, n’asomfo nyinaa bɛyɛ nnebɔneyɛfo.+ 13  Ohiani ne nhyɛsofo ahyia;+ na Yehowa na ɔma wɔn nyinaa aniwa hu hann.+ 14  Sɛ ɔhene bu abrɛfo atɛn nokware mu+ a, n’ahengua betim daa.+ 15  Abaa ne ɔkasakyerɛ na ɛma nyansa,+ na ɔba a wɔato no asaworam hyɛ ne maame aniwu.+ 16  Sɛ nnebɔneyɛfo dɔɔso a, mmarato bu so; na treneefo na wobehu wɔn asehwe.+ 17  Hwe wo ba, na ɔbɛma woahome, na wo kra anya anigye bebree.+ 18  Anisoadehu nni hɔ a, ɔmanfo yɛ nea wɔpɛ,+ na anigye ne wɔn a wɔkora mmara so.+ 19  Akoa rentie kasakyerɛ;+ ɔte ase, nanso ɔmfa nyɛ hwee.+ 20  Woahu onipa a ɔpere ne ho wɔ kasa mu?+ Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.+ 21  Sɛ obi gyigye n’akoa so fi ne mmofraase a, akyiri nna mu no ɔbɛyɛ bonniayɛfo. 22  Obufufafo hwanyan ntɔkwaw mu,+ na obiara a ne koko haw no mmarato dɔɔso.+ 23  Ɔdesani ahantan na ɛbɛbrɛ no ase,+ na nea ne honhom dwo no benya anuonyam.+ 24  Nea ne yɔnko ne ɔkorɔmfo no tan n’ankasa kra.+ Efisɛ ɔte ntanka, nanso ɔmmɛka hwee.+ 25  Onipa ho suro sum afiri,+ na nea ɔde ne ho to Yehowa so no, obenya ahobammɔ.+ 26  Nnipa pii na wɔkɔ sodifo anim,+ nanso Yehowa na obu onipa atɛn.+ 27  Ɔtreneeni akyide ne nea onni asɛntrenee,+ na ɔdebɔneyɛfo akyide ne nea ɔteɛ wɔ n’akwan mu.+

Ase Hɔ Nsɛm