Mmebusɛm 3:1-35

3  Me ba, mma wo werɛ mmfi m’ahyɛde,+ na me mmara nsɛm nso, ma wo koma nni so,+  efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe+ ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.+  Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo.+ Fa to wo kɔn mu.+ Kyerɛw wɔ wo koma pon so,+  na woanya adom ne ntease pa wɔ Onyankopɔn ne onipa anim.+  Fa wo koma nyinaa to Yehowa so,+ na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.+  Hu no w’akwan nyinaa mu,+ na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.+  Nyɛ w’ani so onyansafo.+ Suro Yehowa na dan fi bɔne ho.+  Ma ɛnyɛ ayaresa+ mma wo funuma, na ɛnyɛ ahotɔ mma wo nnompe.+  Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam,+ ne wo nnɔbae nyinaa mu nea edi kan.+ 10  Ɛno na adedodow bɛyɛ w’adekora adan mã ama abu so,+ na nsã foforo abu so wɔ wo nsã-kyi-amoa mu.+ 11  Me ba, mpo Yehowa nteɛso,+ na n’animka nso, nkyi,+ 12  efisɛ nea Yehowa dɔ no na ɔka n’anim,+ sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm+ no. 13  Anigye ne onipa a ohu nyansa,+ ne onipa a onya nhumu,+ 14  efisɛ ɛyɛ ahonyade sen dwetɛ, na n’aba sen sika.+ 15  Ɛsom bo sen mmota,+ na afɛfɛde foforo biara a wowɔ ne no nsɛ. 16  Onyinkyɛ wɔ ne nsa nifa mu;+ na ahonya ne anuonyam nso wɔ ne benkum mu.+ 17  N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’atempɔn nyinaa yɛ asomdwoe.+ 18  Ɛyɛ nkwa dua+ ma wɔn a woso mu, na wɔn a wokura mu den+ no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.+ 19  Yehowa de nyansa na ɛtoo asase fapem.+ Nhumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.+ 20  Ne nimdeɛ mu na ɔpaee subun mu+ ma ɔsoro mununkum sosɔ obosu daa.+ 21  Me ba, mma emmfi w’ani so.+ Kora nyansa ne adwempa,+ 22  na ɛbɛyɛ nkwa ama wo kra+ ne anuonyam wɔ wo kɔn mu.+ 23  Ɛno na wobɛnantew dwoodwoo+ wo kwan so, na wo nan rempem biribi.+ 24  Sɛ wokɔda a, woremmɔ hu;+ na wobɛda, na wo nna ayɛ wo dɛ.+ 25  Worensuro akomatusɛm a ɛbɛba wo so mpofirim biara,+ anaa ahum a ɛbɛba abɔnefo so no;+ 26  efisɛ Yehowa na ɔbɛyɛ w’ahotoso,+ na ɔno na ɔbɛbɔ wo nan ho ban na wɔankyere wo.+ 27  Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ 28  Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: “Kɔ, na san bra, na ɔkyena mɛma wo,” bere a wowɔ biribi.+ 29  Mmɔ wo yɔnko ho pɔw bɔne+ biara, bere a ɔne wo te asomdwoe mu.+ 30  Wo ne obi nnham ɔhamhunu,+ bere a ɔnyɛɛ wo bɔne+ biara. 31  Mma w’ani mmmere ɔsɛmmɔnedifo,+ na mfa n’akwan+ biara. 32  Yehowa+ kyi okontomponi,+ na teefo na Ɔne wɔn di atirimsɛm.+ 33  Yehowa nnome wɔ ɔbɔnefo fie so,+ na treneefo tenabea de, ohyira.+ 34  Afɛwdifo+ de, obedi wɔn ho fɛw;+ na ɔbɛdom ahobrɛasefo.+ 35  Anuonyam na anyansafo benya,+ na nkwasea de, animguasede na wɔn ani gye ho.+

Ase Hɔ Nsɛm