Mmebusɛm 9:1-18

9  Nyansa+ asi ne fie;+ wasisi n’adum ason.  Wakum ne mmoa; wafra ne nsa; afei nso wasiesie ne pon.+  Wasoma ne mmaawa sɛ wonkogyina kurow no mu baabi a ɛwɔ soro nteɛm sɛ:  “Nea wagyimi biara, ɔmman ha.”+ Nea onni ti+ biara​—ɔka kyerɛ no sɛ:  “Mommra mmedi m’aduan na monnom nsa a mafra no bi.+  Munnyaw agyimfo na munnyin nkyɛ,+ na monnantew ntease kwan so tee.”+  Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no nya animguase,+ na nea ɔkasa kyerɛ ɔbɔnefo no​—asɛm ba ne ho.+  Nka ɔfɛwdifo anim, na wantan wo.+ Kasa kyerɛ onyansafo, na ɔbɛdɔ wo.+  Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa.+ Ma ɔtreneeni nimdeɛ, na obesua ade pii. 10  Yehowa suro ne nyansa mfiase,+ na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne ntease.+ 11  Me na mɛma wo nna adɔɔso,+ na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho.+ 12  Sɛ wuhu nyansa a wuhu fa;+ na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.+ 13  Ɔbea kwasea yɛ hagyahagya.+ Ɔyɛ tibɔnkɔso a onnim hwee.+ 14  Ɔtena agua so wɔ ne fie kwan ano, kurow no mu baabi a ɛwɔ soro,+ 15  ɔfrɛ wɔn a wɔnam kwan so, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee no+ sɛ: 16  “Nea wagyimi biara, ɔmman ha.”+ Nea onni ti+ biara nso​—ɔka kyerɛ no sɛ: 17  “Nsu a wowia yɛ dɛ,+ na aduan a wodi no ahintawee mu​—ɛyɛ dɛ sɛ.”+ 18  Nanso onipa no nnim sɛ awufo wɔ hɔ, na Adamoa* bun mu na wɔn a ɔfrɛ wɔn no wɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.