Deuteronomium 1:1-46

1  Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ sare no so wɔ Yordan+ mpɔtam. Eyi ne sare a ɛwɔ Suf anim, wɔ Paran+ ne Tofel ne Laban ne Haserot+ ne Disahab ntam.  Efi Horeb kɔfa Bepɔw Seir ho kɔ Kades-Barnea+ no yɛ nna dubiako kwan.  Afe a ɛto so aduanan,+ ɔsram a ɛto so dubiako no da a edi kan no, Mose kaa nea Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfo no.  Saa bere no na wadi Amorifo hene Sihon+ a ɔte Hesbon ne Basan hene Og+ a ɔte Astarot+ so wɔ Edrei.+  Mose kyerɛkyerɛɛ mmara+ yi mu wɔ Yordan mpɔtam wɔ Moab asase so sɛ:  “Yehowa yɛn Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb+ sɛ, ‘Moatena bepɔw yi so akyɛ.+  Monnan mo ho nkɔ Amorifo+ mmepɔw so ne mmeae a ɛbemmɛn Araba,+ mmepɔw so+ ne Sefela ne Negeb+ ne mpoano,+ Kanaanfo+ asase so, ne Lebanon,+ nkosi asukɛse Eufrate+ ho.  Monhwɛ, asase a mede ama mo no da mo anim. Monkɔfa asase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak+ ne Yakob+ sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefo a wobedi wɔn akyi aba no.’+  “Na meka kyerɛɛ mo saa bere no sɛ, ‘Me nkutoo mintumi nhwɛ mo so.+ 10  Yehowa mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na nnɛ mo dodow te sɛ ɔsoro nsoromma.+ 11  Yehowa mo agyanom Nyankopɔn no mma monnɔɔso+ mmɔho apem, na onhyira+ mo sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no.+ 12  Mɛyɛ dɛn na me nkutoo masoa mo nnesoa duruduru ne mo ham yi?+ 13  Munyi mo mmusua mu mmarima anyansafo a wɔn ani da hɔ+ na wɔwɔ suahu,+ na memfa wɔn nsisi mo so.’+ 14  Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ ne kwan so.’ 15  Enti miyii wɔn a wɔdeda mo mmusua ano, mmarima anyansafo a wɔwɔ suahu, yɛɛ wɔn mpanyimfo de wɔn tuatuaa nnipa apem biara ano, ɔha biara ano, aduonum biara ano, ne du biara ano, na mepaw mo mmusua so atitiriw.+ 16  “Na meka kyerɛɛ mo atemmufo saa bere no sɛ, ‘Sɛ moredi mo nuanom ntam asɛm a, mummu atɛntrenee+ obi ne ne nua anaa ɔne ne hɔho ntam.+ 17  Monnhwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu.+ Muntie nea osua sɛnea mutie nea ɔsõ no ara pɛ.+ Munnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na obu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru bi sɔre a, momfa mmrɛ me na minni.’+ 18  Saa bere no mekyerɛɛ mo nea monyɛ nyinaa. 19  “Afei yetu fii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ sare kɛse a ɛso yɛ hu+ a moahu yi so, na yɛfaa Amorifo+ bepɔw no ho, sɛnea Yehowa yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛbaa Kades-Barnea.+ 20  Afei meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Moaba Amorifo bepɔw a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no ho.+ 21  Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asase no ama mo,+ enti monkɔfa sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Munnsuro, na mommmɔ hu.’+ 22  “Na mo nyinaa mobaa me nkyɛn bɛkae sɛ, ‘Ma yɛnsoma mmarima nni kan nkɔhwɛ asase no na wɔmmɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ne nkurow a yɛbɛkɔ so.’+ 23  Na mihui sɛ ɛyɛ asɛmpa, enti miyii mmarima dumien, abusuakuw biara mu nipa biako.+ 24  Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ bepɔw+ no so koduu Eskol+ subon ho, na wɔhwɛɛ sɛnea asase no te. 25  Afei wɔde asase no so aba+ no bi kura de sian brɛɛ yɛn. Na wɔbɔɔ yɛn amanneɛ sɛ, ‘Asase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no ye.’+ 26  Nanso na mompɛ sɛ mokɔ asase no so,+ na motew atua tiaa Yehowa mo Nyankopɔn anom asɛm.+ 27  Na munwiinwii mo ntamadan mu sɛ, ‘Yehowa tan yɛn+ nti na wayi yɛn afi Egypt+ asase so de yɛn abɛhyɛ Amorifo nsa sɛ wɔntɔre yɛn ase no.+ 28  Ɛhe koraa na yɛrekɔ? Yɛn nuanom abetu yɛn koma+ sɛ: “Asase no sofo soso woware sen yɛn,+ na wɔwɔ nkurow akɛse a ɛho aban du soro,+ na yehuu Anakim+ mma no nso wɔ hɔ.” ’ 29  “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mommma mo koma nntu, na munnsuro wɔn.+ 30  Yehowa mo Nyankopɔn di mo anim. Ɔbɛko ama mo+ sɛnea mo ankasa muhui sɛ ɔyɛ maa mo wɔ Egypt no,+ 31  ne sare no so+ nso, bere a Yehowa mo Nyankopɔn de mo bɔɔ ne bo+ sɛnea ɔbarima de ne ba bɔ ne bo, na ɔde mo twaa kwan baa ha no.’+ 32  Na nea mekae nyinaa akyi no, moannye Yehowa mo Nyankopɔn anni.+ 33  Nanso ɔno na odii mo anim kɔhwɛɛ faako a mobɛtena.+ Sɛ edu anadwo a ɔnam ogya so kyerɛ mo kwan, na awia nso ɔnam omununkum so.+ 34  “Na Yehowa tee nea mokae nyinaa. Enti ne bo fuwii na ɔkaa ntam+ sɛ, 35  ‘Awo ntoatoaso bɔne yi mu barima biako mpo renhu asase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ 36  gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na obehu,+ na mede asase a ɔde ne nan sii so no bɛma ɔne ne mma, efisɛ ɔde ne koma nyinaa adi Yehowa akyi.+ 37  (Mo nti, Yehowa bo fuw me mpo, na ɔkae sɛ, ‘Wo nso worenkɔ hɔ.+ 38  Nun ba Yosua a ogyina w’anim yi na ɔbɛkɔ.’+ Wahyɛ no den,+ efisɛ ɔno na ɔbɛma Israelfo afa asase no.) 39  Na mo mma nkumaa a ɛnnɛ wonnim papa ne bɔne a mokae sɛ: “Asase no sofo bɛfa wɔn!”+ no, wɔn na wɔbɛkɔ hɔ, na mede asase no bɛma wɔn sɛ wɔn agyapade. 40  Na mo de, monnan mo ho nkɔfa Po Kɔkɔɔ no ho nkɔ sare no so.’+ 41  “Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne atia Yehowa.+ Na yɛbɛkɔ akɔko sɛnea Yehowa yɛn Nyankopɔn ahyɛ yɛn no!’ Enti mo nyinaa faa mo akode hyɛɛ mo ho susuwii sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ mobɛkɔ bepɔw no so.+ 42  Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na moamforo ankɔko na moanni nkogu wɔ mo atamfo anim,+ efisɛ menka mo ho.” ’+ 43  Na me ne mo kasae, nanso moantie me na mode abufuw twiw faa Yehowa so+ sɛ morekɔ bepɔw no so.+ 44  Ɛnna Amorifo a wɔte bepɔw no so no baa mo so+ na wɔtaa mo sɛ nnowa, na wɔbɔɔ mo hwete fii Seir koduu Horma.+ 45  Afei mosan mo akyi besu guu Yehowa so, nanso Yehowa antie mo+ na wanyɛ aso amma mo.+ 46  Enti motenaa Kades dii nna pii wɔ hɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm