Deuteronomium 12:1-32

12  “Eyinom ne m’ahyɛde+ ne m’atemmusɛm+ a ɛsɛ sɛ mudi so+ wɔ asase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn bɛma moafa no so. Mo nkwa nna a mode bɛtena asase no so nyinaa+ monhwɛ sɛ mubedi so.  Faako a amanaman a morekɔpam wɔn no som wɔn anyame nyinaa, monhwɛ sɛ mobɛsɛe hɔ pasaa,+ mmepɔw atenten so, nkoko so, ne dua kusuu biara ase.+  Mummubu wɔn afɔremuka+ ne wɔn abosom adum,+ na momfa ogya nhyew wɔn abosonnua,+ na muntwitwa wɔn anyame ahoni ngu.+ Mompopa wɔn din mfi hɔ koraa.+  “Monnsom Yehowa mo Nyankopɔn saa kwan no so,+  na mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn de ne din bedua wɔ mmusua yi nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+  Ɛhɔ nso na momfa mo hyew afɔre+ ne mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo ne mo nneɛma nkyem du mu biako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔre,+ ne afɔre a mufi mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwi ne mo nguan mu mmakan+ nyinaa nkɔ.  Na ɛhɔ na munnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mo ne mo fiefo bɛyɛ biara, momma mo ani nnye,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.  “Monhwɛ na moanyɛ nea yɛreyɛ wɔ ha nnɛ yi bi. Ɛha de, obiara yɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so,+  efisɛ munnya nnuu tenabea+ ne asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no so. 10  Muntwa Yordan+ nkɔtena asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no so,+ na ɔbɛma moahome afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na moatena ase dwoodwoo.+ 11  Na faako+ a Yehowa mo Nyankopɔn ayi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na momfa nea maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyew afɔre+ ne mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo ne mo nneɛma nkyem du mu biako,+ mo ntoboa,+ ne biribiara a moahyɛ bɔ+ sɛ mode bɛma Yehowa. 12  Afei momma mo ani nnye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mmabarima ne mo mmabea ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurom no, efisɛ wannya mo agyapade no bi.+ 13  Hwɛ yiye na woammɔ ɔhyew afɔre wɔ baabiara kɛkɛ a wubehu.+ 14  Baabi a Yehowa wo Nyankopɔn beyi wɔ mmusua yi biako mu no, ɛhɔ mmom na bɔ ɔhyew afɔre, na ɛhɔ na yɛ nea maka akyerɛ wo yi nyinaa.+ 15  “Nanso bere biara a wo kra kɔn dɔ nam no, kum+ na we sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no, wo nkurow no nyinaa mu. Obi a ne ho ntew+ ne nea ne ho tew nyinaa betumi awe bi, te sɛ ɔwansan ne ɔforote.+ 16  Nanso monhwɛ na moanni mogya.+ Munhwie ngu fam sɛ nsu.+ 17  Eyinom ne nea wuntumi nni bi wɔ wo kurom: W’awi anaa wo nsã foforo anaa wo ngo mu nkyem du mu biako,+ anaa w’anantwi ne wo nguan mu mmakan,+ anaa wo bɔhyɛ afɔre, anaa afɔre a wufi wo pɛ mu bɔ,+ anaa wo ntoboa.+ 18  Di wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim. Faako a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no,+ ɛhɔ na wo ne wo mmabarima ne wo mmabea ne wo nkoa ne wo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kurom no nni. Biribiara a wobɛyɛ biara, ma w’ani nnye+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim. 19  Hwɛ na woammu w’ani angu Lewini+ so, nna a wote w’asase so nyinaa. 20  “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn trɛw w’ahye+ mu sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no+ a, ebia wo kra kɔn bɛdɔ nam na woaka sɛ, ‘Ma menwe nam.’ Ɛnde, hu sɛ bere biara a wo kra kɔn dɔ nam no, wubetumi awe.+ 21  Na sɛ faako a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bedua+ no ware ma wo a, ɛnde bere biara a wo kra kɔn dɔ nam no, wubetumi akum anantwi anaa nguan a Yehowa de ama wo no bi awe wɔ wo kurom, sɛnea meka kyerɛɛ wo no.+ 22  Sɛnea wowe ɔwansan ne ɔforote no,+ saa ara na we no: Obi a ne ho ntew+ ne nea ne ho tew nyinaa betumi awe bi. 23  Nanso si w’adwene pi sɛ worenni mogya,+ efisɛ mogya ne ɔkra no,+ na nni ɔkra nka nam no ho. 24  Nni; hwie gu fam sɛ nsu.+ 25  Nni, na woayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani+ na asi wo ne wo nkyirimma yiye.+ 26  Na w’akronkronne+ ne wo bɔhyɛ afɔre de,+ ma so kɔ faako a Yehowa bɛkyerɛ no.+ 27  Afei fa nam ne mogya+ no bɛbɔ ɔhyew afɔre+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka so, na hwie mmoa no mogya gu Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka+ no ho, na we nam no. 28  “Hwɛ di ahyɛde a mede rema wo yi nyinaa so,+ na sɛ woyɛ nea ɛteɛ na ɛsɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani a,+ ebesi wo ne wo nkyirimma yiye+ daa. 29  “Na sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tu aman a worekɔ so no fi w’anim a,+ fa wɔn nsase na tena so.+ 30  Hwɛ wo ho yiye na sɛ wɔsɛe wɔn a biribiara ansum wo afiri amma woankodi wɔn akyi.+ Hwɛ na woankobisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn na aman yi faa so som wɔn anyame? Ma me nso menyɛ saa.’ 31  Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim,+ efisɛ nea Yehowa wo Nyankopɔn kyi na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mpo bɔ afɔre wɔ ogya mu daa ma wɔn anyame.+ 32  Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+

Ase Hɔ Nsɛm