Deuteronomium 14:1-29

14  “Yehowa mo Nyankopɔn mma ne mo.+ Enti monhwɛ na awufo nti moantwitwa mo ho ammobɔ akam+ na moanyi mo anim nhwi.+  Wo de, woyɛ ɔman kronkron+ ma Yehowa wo Nyankopɔn, na Yehowa apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.+  “Nni akyide biara.+  Mmoa a mubetumi awe ni:+ nantwi, oguan, ne abirekyi,  ne ɔforote, ɔwansan, adowa,+ ɔkwadu, ɔtwe, ɔdabɔ, ne ewi.  Mubetumi awe aboa biara a ne nan mu apae ayɛ nta na opuw wesaw.+  Nanso mmoa a wopuw wesaw anaa wɔn nan mu apae yi de, monnwe: yoma+ ne adanko+ ne atwaboa,+ efisɛ wopuw wesaw de, nanso wɔn nan mu mpaee. Wɔn ho ntew mma mo.  Bio nso monnwe prako,+ efisɛ ne nan mu apae de, nanso ompuw nwesaw. Ne ho ntew mma mo. Monnwe wɔn nam, na munnso wɔn afunu mu.+  “Nsu mu nam a mubetumi awe ni: Aboa biara a ntɛtɛw ne abona wɔ ne ho de, mubetumi awe.+ 10  Aboa biara a onni ntɛtɛw anaa abona de, monnwe.+ Ne ho ntew mma mo. 11  “Mubetumi awe anomaa biara a ne ho tew. 12  Nanso eyinom de monnwe: ɔkɔre, ɔkɔrebia, ne opete tuntum,+ 13  ne ɔkompete ne ɔkom+ ne ɔsansa, ne wɔn a wɔn su te saa; 14  ne kwaakwaadabi+ ahorow nyinaa; 15  ne sohori,+ ɔpatu, asomfena, ne akorɔma, ne wɔn a wɔn su te saa; 16  ne ɔpatubiaa, ɔpatu asotenten,+ ne suborɔkokɔ, 17  ne pokupoku,+ opete, ne po so anene, 18  ne asukɔnkɔn ne asunoma ahorow a wɔn su te saa, ne asɔkwaa ne ampan.+ 19  Bio nso ntuboa manyamanya biara ho ntew mma mo.+ Monnwe. 20  Nanso mubetumi awe ntuboa a wɔn ho tew nyinaa. 21  “Monnwe aboa funu biara.+ Fa ma ɔhɔho a ɔte wo kurom ma ɔnwe, anaa tɔn ma ɔmamfrani a ɔwɔ wo nkyɛn, efisɛ moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn. “Nnoa abirekyi ba wɔ ne maame nufusu mu.+ 22  “Afe biara kyɛ w’afuw mu nnɔbae nyinaa mu du na fa biako bra.+ 23  Afei fa w’awi ne wo nsã foforo ne wo ngo nkyem du mu biako, ne w’anantwi ne wo nguan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bedua no.+ Fa bra bedi wɔ n’anim na ama woasua sɛ wubesuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+ 24  “Sɛ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bedua+ no ware dodo+ sɛ wobɛsoa nneɛma no akɔ hɔ (na Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo) a,+ 25  ɛnde dan no sika na kyekyere kura kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn beyi asi hɔ no. 26  Wudu hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kra kɔn dɔ:+ nantwi, oguan, abirekyi, bobesa anaa mmosã+ foforo biara. Biribiara a wo kra bebisa no, fa bra bedi wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fiefo nyinaa ani nnye.+ 27  Na mmu w’ani ngu Lewini a ɔwɔ wo kurom no so,+ efisɛ wannya w’agyapade no mu kyɛfa biara.+ 28  “Mfe abiɛsa awiei no, fa nnɔbae a wunyae wɔ saa afe no mu nkyem du mu biako bra+ wo kurom. 29  Na esiane sɛ Lewifo+ annya w’agyapade no mu kyɛfa nti, wɔne ahɔho+ ne nnyanka ne akunafo+ a wɔwɔ wo kurom no bɛba abedi amee, na adwuma biara a wo nsa beso mu no,+ Yehowa wo Nyankopɔn behyira so.+

Ase Hɔ Nsɛm