Deuteronomium 17:1-20

17  “Mfa nantwi anaa oguan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔre mma Yehowa wo Nyankopɔn, efisɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyide.+  “Ebia ɔbarima anaa ɔbea bi bebu Yehowa wo Nyankopɔn apam so akɔyɛ bɔne bi wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no bi mu.+  Sɛ ɔkɔsom anyame foforo anaa ɔkotow owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo+ biara a menhyɛɛ wɔn,+  na wɔka ma wote na wohwehwɛ asɛm no mu yiye hu sɛ ampa+ wayɛ akyide a ɛte saa wɔ Israel a,  ɛnde fa ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛɛ saa bɔne no bra kurow no pon ano, ɔbarima anaa ɔbea biara a ɔyɛɛ saa no, na siw no abo ma onwu.+  Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so+ na wonnyina nkum no. Ɛnsɛ sɛ wogyina ɔdansefo biako anom asɛm so kum no.+  Adansefo no nsa nni kan wɔ no so, na ɔman no nyinaa nni akyi mma onwu.+ Yɛ saa fa yi bɔne biara fi wo mu.+  “Sɛ obi hwie mogya gu+ anaa ɔne ne yɔnko twe manso+ anaa opira ne yɔnko na ɛyɛ asɛm a asɔre+ wo kurow pon ano, na asɛm no mu yɛ duru ma wo sɛ wubedi+ a, ɛnde sɔre kɔ faako a Yehowa wo Nyankopɔn ayi asi hɔ no,+  na kohu Lewifo asɔfo+ ne ɔtemmufo+ a ɔwɔ hɔ saa bere no na fa asɛm no to wɔn anim na wommua mma wo.+ 10  Hwɛ di asɛm biara a wɔbɛka akyerɛ wo wɔ faako a Yehowa ayi asi hɔ no so, na biribiara a wɔbɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ no saa pɛpɛɛpɛ. 11  Mmara no mu asɛm biara a wɔbɛkyerɛ wo anaa atɛn biara a wobebu no, di so.+ Mman mfi asɛm a wɔbɛka akyerɛ wo no ho nkɔ nifa anaa benkum.+ 12  Sɛ obi yɛ ahantan na wantie ɔsɔfo a ogyina Yehowa wo Nyankopɔn anim resom anaa ɔtemmufo no a,+ ɛsɛ sɛ owu,+ na yi bɔne biara fi Israel.+ 13  Ɛba saa a, ɔman no nyinaa bɛte na wɔasuro+ na wɔanni ahantansɛm bio. 14  “Sɛ wunya kɔfa asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no tena so,+ na woka sɛ, ‘Ma minsi ɔhene na onni me so sɛ aman a wɔatwa me ho ahyia’+ no nyinaa a, 15  ɛnde obi a Yehowa wo Nyankopɔn beyi no na ɛsɛ sɛ wode no si wo so hene.+ Ma wo nuanom bi nni wo so hene. Wuntumi mma ɔhɔho a ɔnyɛ wo nua nni wo so. 16  Nanso ɔnhwɛ yiye na n’ani ammere apɔnkɔ pii+ na ɛnsɛ sɛ ɔma nkurɔfo no san kɔ Egypt kɔpɛ apɔnkɔ pii,+ efisɛ Yehowa aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnsan nnkɔfa ɔkwan yi so bio.’ 17  Afei ɛnsɛ sɛ ɔware mmea bebree na ne koma amman,+ na saa ara na ɛnsɛ sɛ n’ani bere dwetɛ ne sika kɔkɔɔ pii.+ 18  Na sɛ onya bɛtena n’ahengua so a, ɔnhwɛ mmara a ɛwɔ Lewifo asɔfo no nkyɛn no so nkyerɛw bi wɔ nhoma mu mfa.+ 19  “Ɔmfa nto ne ho na ɔnkenkan ne nkwa nna nyinaa+ na ama wasuro Yehowa, ne Nyankopɔn, na wadi mmara yi mu nsɛm ne ahyɛde nyinaa so.+ 20  Ɔnyɛ saa na ne koma anhoman ansen ne nuanom+ na wamman amfi ahyɛde yi ho ankɔ nifa anaa benkum,+ na ama ne nna aware n’ahenni mu+ wɔ Israel, ɔne ne mma nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm