Deuteronomium 18:1-22

18  “Lewifo asɔfo no, Lewi abusuakuw mũ no nyinaa,+ rennya kyɛfa anaa agyapade biara wɔ Israel. Ogya afɔre a wɔbɔ ma Yehowa no ne kyɛfa a wobedi.+  Enti Lewini biara rennya agyapade wɔ ne nuanom mu. Yehowa ne n’agyapade,+ sɛnea waka akyerɛ no no.  “Bere biara a ɔman no de aboa bɛbɔ afɔre no, nantwi oo, oguan oo, asɔfo no kyɛfa a wɔde bɛma wɔn ni: n’abasa ne n’abogye ne n’afuru.  Afei fa w’awi a edi kan ne wo nsã ne wo ngo foforo ne wo nguan ho nhwi a wubedi kan atwitwa ma no.+  Ɔno na Yehowa wo Nyankopɔn ayi no afi mmusua no nyinaa mu sɛ ɔne ne mma nsom wɔ Yehowa din mu daa.+  “Sɛ Lewini bi te Israel nkurow no bi mu+ na ne kra pɛ sɛ ɔba baabi a Yehowa apaw+ no a,  ɛnde ɔno nso nsom wɔ Yehowa ne Nyankopɔn din mu sɛnea ne nuanom Lewifo nyinaa gyina Yehowa anim som no no.+  Nea wobedi no, ɔno nso benya saa ara bi adi+ de aka nea obenya afi n’agyanom nneɛma a ɔbɛtɔn mu no ho.  “Sɛ wudu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so a, nsua akyide a saa aman no yɛ no bi.+ 10  Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu,+ nea ɔhyɛ abosonkɔm+ anaa oyi nkonyaa,+ nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne+ anaa odi asumansɛm,+ 11  nea ɔkyekyere afoforo+ anaa ɔkɔ abisa,+ ɔkɔmfo+ anaa samanfrɛfo.+ 12  Yehowa kyi obi a ɔyɛ eyinom, na akyide yi nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim yi.+ 13  Hwɛ na wo ho amma asɛm wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 14  “Aman a worekotu wɔn no tie nkonyaayifo+ ne wɔn a wɔhyɛ abosonkɔm.+ Nanso wo de, Yehowa wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ saa.+ 15  Mmom Yehowa wo Nyankopɔn beyi odiyifo te sɛ me afi wo nuanom mu ama wo; ɔno na muntie no.+ 16  Eyi na wubisaa Yehowa wo Nyankopɔn wɔ Horeb, da a asafo no bɔɔ gua no.+ Saa da no na wokae sɛ, ‘Mma mennte Yehowa me Nyankopɔn nne bio, na mma minnhu ogya kɛse yi bio na manwu.’+ 17  Enti Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea wɔaka no nyinaa ye.+ 18  Meyi odiyifo bi te sɛ wo afi wɔn nuanom mu ama wɔn,+ na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anom,+ na nea mɛka akyerɛ no biara, ɔbɛka akyerɛ wɔn.+ 19  Obiara a wantie m’asɛm a ɔbɛka wɔ me din mu no, mɛma wayi n’ano.+ 20  “ ‘Nanso sɛ odiyifo bi sɔre gyina de me din ka biribi a menhyɛɛ no sɛ ɔnka+ anaa ɔde anyame foforo din ka biribi a,+ saa odiyifo no nwu.+ 21  Na ebia wobɛka wɔ wo komam sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn ahu asɛm a Yehowa nkae?”+ 22  Sɛ odiyifo no de Yehowa din ka asɛm bi na amma mu a, ɛnde na asɛm no mfi Yehowa. Ahantan na ɛmaa odiyifo no kaa saa.+ Nsuro no.’+

Ase Hɔ Nsɛm