Deuteronomium 19:1-21

19  “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn sɛe aman+ a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn nsase bɛma wo no, na wokɔtena wɔn nkurow ne wɔn afie mu+ a,  yi nkurow abiɛsa si hɔ wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so.+  Kyɛ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no mu abiɛsa, na siesie akwan a ɛkɔ nkurow no mu no na sɛ obi ka mogya gu a, waguan akɔ hɔ.+  “Sɛ obi ka mogya gu a, nea ɛbɛma waguan akɔ hɔ akonya ne ti adidi mu ni: Sɛ wanhyɛ da na okum ne yɔnko na ɔntan no dedaw,+  anaa sɛ ɔne ne yɔnko kɔ anyina na ɔma akuma so sɛ ɔretwa gya na dade no hɔn fi dua no so+ bɛbɔ ne yɔnko no ma owu a, onguan nkɔ nkurow yi biako mu na onnya nkwa.+  Anyɛ saa a, nea wawu no busuani*+ de abufuhyew bɛtaa onipakumfo no, na esiane sɛ ɔkwan no ware nti, ɔbɛto no akum no,* nanso ɛnsɛ sɛ owu+ efisɛ na ɔntan no dedaw.  Ɛno nti na maka sɛ, ‘Yi nkurow abiɛsa si hɔ’ no.+  “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn trɛw w’ahye mu sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no+ na ɔde asase a ɔhyɛɛ w’agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn+ no nyinaa ma wo,  esiane sɛ woadi mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so, na wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn na wonantew n’akwan so nti a,+ wobɛsan de nkurow abiɛsa aka abiɛsa no ho.+ 10  Eyi bɛma woakwati sɛ wubehwie mogya a asɛm nni ho+ agu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so, na woanni mogya ho fɔ.+ 11  “Nanso sɛ ɛba sɛ obi tan+ ne yɔnko na ɔkɔtɛw no na ɔtow hyɛ no so de biribi bɔ no ma owu,*+ na oguan kɔ nkurow yi bi mu a, 12  ɛnde ne kurom mpanyimfo nsoma nkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ obusuani no nsa, na onwu.+ 13  Nhu no mmɔbɔ,+ na yi mogya a enni fɔ ho asodi fi Israel+ na asi wo yiye. 14  “Sɛ wunya kɔtena asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na wo nsa ka w’agyapade a, mpia wo yɔnko hye+ a wo nananom ato dedaw wɔ asase no so no. 15  “Onipa biako rentumi nsɔre nni adanse ntia obi wɔ mfomso anaa bɔne bi ho,+ bɔne biara a wayɛ ho. Adansefo baanu anaa baasa anom nsɛm so na asɛm no nnyina.+ 16  Sɛ obi a ɔwɔ adwemmɔne kodi ne yɔnko ho adansekurum sɛ watõ mmara a,+ 17  nnipa baanu a asɛm no fa wɔn ho no mmegyina Yehowa anim wɔ asɔfo ne atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no anim.+ 18  Na atemmufo no nhwehwɛ asɛm no mu yiye,+ na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔdansefo no redi adansekurum na watwa asɛm ato ne nua no so a, 19  ɛnde ade a ɔbɔɔ pɔw sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no,+ mo nso monyɛ no saa ara, na munyi adebɔne biara mfi mo mu.+ 20  Ɛba saa a wɔn a wɔaka no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.+ 21  Nhu obiara mmɔbɔ:+ ɔkra nsi ɔkra ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nu 35:12 ase hɔ asɛm.
Nea ɛkyerɛ ankasa ne “ɔbɛbɔ ne kra akum no.”
Nea ɛkyerɛ ankasa ne “ɔbɔ ne kra ma owu.”