Deuteronomium 20:1-20

20  “Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wuhu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ ne dɔm a wɔdɔɔso sen wo a, nsuro wɔn efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt asase so no+ ka wo ho.+  Na sɛ morebɛn akono a, ɔsɔfo no mmɛkasa nkyerɛ ɔman no.+  Ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Israel muntie, ɛnnɛ morebɛn mo atamfo ne wɔn akɔko. Mommma mo koma nntu,+ munnsuro wɔn na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu.+  Yehowa mo Nyankopɔn ka mo ho, na ɔne mo atamfo bɛko ama mo na wagye mo.’+  “Mpanyimfo+ no nso mmɛkasa nkyerɛ ɔman no sɛ, ‘Hena na wasi fie foforo a ommuee ano? Ɔnsan nkɔ ne fie na wankowu wɔ akono amma obi foforo ammue ano.+  Hena na wayɛ bobeturo a onnya ntew so? Ɔnsan nkɔ ne fie na wankowu wɔ akono amma obi foforo amfa.+  Hena na wasi ɔbea bi asiwa a onnya nkɔfaa no? Ɔnsan nkɔ ne fie+ na wankowu wɔ akono amma ɔbarima foforo ankɔfa no.’  Mpanyimfo no nsan nka nkyerɛ ɔman no sɛ, ‘Hena na osuro na ne koma atu?+ Ɔnsan nkɔ ne fie na wantu ne nuanom koma sɛnea ne koma atu no.’+  Na sɛ mpanyimfo no ne ɔman no kasa wie a, wɔmpaw asafohene nsisi asraafo no so na wonni ɔman no anim. 10  “Sɛ wo ne kurow bi rekɔko a, bɔ dawuru ma onhu nea ebetumi ama asomdwoe aba.+ 11  Sɛ kurow no de asomdwoe hyia wo na obue n’apon ma wo a, ɛnde fa emu nnipa nyinaa yɛ nkoa na wɔnsom wo.+ 12  Na sɛ kurow no amfa asomdwoe anhyia wo+ na ɔne wo ko a, ka no hyem, 13  na Yehowa wo Nyankopɔn nso de kurow no bɛhyɛ wo nsa na wode nkrante akunkum emu mmarima nyinaa.+ 14  Na fa kurow no mu mmea ne mmofra nkumaa+ ne nyɛmmoa+ ne biribiara a ɛwɔ hɔ,+ na di w’atamfo a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn ama wo no asade.+ 15  “Saa na fa yɛ nkurow a ɛne wo ntam twe no nyinaa; ɛnyɛ aman a ɛwɔ ha yi nkurow no bi. 16  Na aman a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapade yi de, nnyaw biribiara a ɛhome wɔ nkurow no mu.+ 17  Sɛe wɔn pasaa: Hitifo ne Amorifo ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hiwifo ne Yebusifo,+ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ wo no. 18  Sɛe wɔn na wɔankyerɛ mo akyide a wɔyɛ ma wɔn anyame no, na moanyɛ bɔne antia Yehowa mo Nyankopɔn.+ 19  “Sɛ worekɔko afa kurow bi na woka no hyem nna pii a, mfa akuma nsɛe ɛhɔ nnua, efisɛ ɛso aba no bi na wubedi. Enti ntwitwa ngu.+ Adɛn, dua yɛ nipa na woaka no ahyem? 20  Nanso dua a wonni n’aba de, twa kyene. Sisi akoban+ twa kurow a ɛne wo reko no ho hyia kosi sɛ ɛbɛhwe ase.

Ase Hɔ Nsɛm