Deuteronomium 21:1-23

21  “Sɛ wunya kɔtena asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na da bi wuhu sɛ wɔakum obi ato wuram, na obiara nnim nea odii awu no a,+  wo kurom mpanyimfo ne atemmufo+ nkosusuw mfi faako a nea wawu no da no nkɔ nkurow a ɛwowɔ mpɔtam hɔ no,  na wɔnhwɛ kurow a ɛbɛn nea wawu no. Ɛba saa a kurow no mu mpanyimfo mfa nantwi ba a ɔnyɛɛ adwuma da na wɔmfaa kɔndua ntoo no so da mmra.  Na kurow no mu mpanyimfo mfa nantwi ba no nkɔ subon a nsu wom mu, baabi a wɔnnɔw da na wonnuaa hwee wɔ hɔ da. Afei wommu nantwi ba no kɔn mu wɔ subon no mu.+  “Lewi mma asɔfo no mmra hɔ efisɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wobegyina abua asɛm no.+  Afei mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn nea wawu no mu nyinaa mmra, na wɔnhohoro wɔn nsa+ ngu nantwi ba a wɔabu ne kɔn mu wɔ subon no mu no so.  Na wɔnka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn ani nso anhu sɛ obi reyɛ saa.+  Enti Yehowa, mmu wo man Israel a woagye wɔn no+ fɔ wɔ asɛm yi ho, na mma mogya a enni fɔ ho asodi+ nntena wo man Israel mu.’ Ɛba saa a, wɔremfa mogya ho asodi nto wɔn so.  Na ɛbɛma woayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani+ na woayi mogya a enni fɔ ho asodi afi wo mu.+ 10  “Sɛ wo ne w’atamfo kɔko na Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn hyɛ wo nsa+ na wofa wɔn nnommum,+ 11  na wuhu ɔbea bi wɔ nnommum no mu a ne ho yɛ fɛ, na wodɔ no+ na wopɛ sɛ woware no a, 12  fa no kɔ wo fie. Afei onyi ne ti nhwi+ na ommubu n’awerɛw. 13  Onyi n’atade a ɔde baa nkoasom mu no na ɔntena wo fie nsũ ne papa ne ne maame ɔsram biako.+ Sɛ owie a, kɔ ne ho na ware no na ɔmmɛyɛ wo yere. 14  Na sɛ w’ani nnye ne ho a, gyaa no ma ɔnkɔ+ baabiara a ɔpɛ, na hwɛ na woantɔn no. Bere a woabrɛ no ase awie yi, hwɛ na wo ne no anni no atirimɔden so.+ 15  “Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu na ɔdɔ biako tan biako, na mmea baanu yi nyinaa wo mmarima ma no na nea ɔtan no no ba ne ɔpanyin a,+ 16  ɛnde da a ɔbɛkyɛ agyapade ama ne mma no, ɔrentumi nsian nea ɔtan no no ba a ɔyɛ ɔpanyin no ho mfa abakan kyɛfa mma nea ɔdɔ no no ba no.+ 17  Ommu nea ɔtan no no ba no abakan, enti ɔbɛma no biribiara mu mmɔho abien,+ efisɛ ɔno ne n’ahoɔden mfiase.+ Abakan dibea wɔ no.+ 18  “Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔba otuatewfo a n’aso yɛ den,+ na ontie ne papa ne ne maame asɛm,+ na wotu no fo na ontie a,+ 19  ɛnde ne papa ne ne maame mfa no mmra ne kurom mpanyimfo anim wɔ kurow no pon ano.+ 20  Na wɔnka nkyerɛ ne kurom mpanyimfo sɛ, ‘Yɛn ba yi yɛ otuatewfo a n’aso yɛ den. Ɔyɛ odidifo+ ne ɔsabofo+ na ontie yɛn asɛm.’+ 21  Afei ne kurom mmarima nyinaa nsiw no abo mma onwu. Yɛ saa fa yi adebɔne fi wo mfinimfini na Israelfo nyinaa nte na wonsuro.+ 22  “Sɛ ɔbarima bi yɛ bɔne a ɛsɛ owu na wokum no+ de no sɛn dua so+ a, 23  mma n’amu no nnsɛn dua so mmma ade nnkye so.+ Hwɛ sie no da no ara efisɛ Onyankopɔn nnome wɔ obiara a wɔasɛn no so,+ na mma efĩ nnka asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapade no.+

Ase Hɔ Nsɛm