Deuteronomium 22:1-30

22  “Sɛ wuhu wo nua nantwi anaa ne guan sɛ wayera a, ntwe wo ho mfi no ho.+ Fa no kɔma wo nua no.+  Na sɛ wo nua no mmɛn wo na wunnim no a, ɛnde fa no bra wo nkyɛn wɔ wo fie kɔpem sɛ wo nua no bɛba abehu no na wode no ama no.+  Sɛ wo nua afurum anaa n’atade anaa ne biribiara yera na wuhu a, saa ara na wobɛyɛ no; worentumi ntwe wo ho.  “Sɛ wuhu sɛ wo nua afurum anaa ne nantwi da kwan mu a, nsian wɔn ho nkɔ. Boa no ma no mma wɔn so.+  “Ɔbea nnhyɛ ɔbarima atade, na ɔbarima nso nnhyɛ ɔbea atade.+ Yehowa wo Nyankopɔn kyi obi a ɔyɛ eyinom.  “Sɛ wonam na wuhu sɛ anomaa berebuw sɛn dua so anaa ɛda fam,+ na anomaa mma anaa nkesua wom, na maame no butuw ne mma anaa ne nkesua so a, hwɛ na woamfa maame no anka ne mma no ho.+  Ma maame no nkɔ na fa ne mma no. Sɛ woyɛ saa a ebesi wo yiye na wo nna aware.+  “Sɛ wusi fie foforo a, gye ban wɔ ɔdan no atifi+ na obi amfi hɔ anhwe ase, na wo fie anni mogya ho fɔ.  “Nnua aba abien a ɛsono emu biara wɔ wo bobeturo mu,+ anyɛ saa a wobegye nnɔbae no ne bobeturo no mu aba nyinaa akɔ kronkronbea hɔ. 10  “Mfa nantwi ne afurum mmom mfɛtɛw asase.+ 11  “Nhyɛ atade a wɔde oguan nhwi ne nwera abom anwene.+ 12  “Yɛ wo ntama a wode kata wo ho no anoano anan no nnwow.+ 13  “Sɛ ɔbarima ware na ɔkɔ ɔbea no ho na afei ne ho fono no a,+ 14  ebia ɔbɛbɔ no dimmɔne+ agu n’anim ase sɛ, ‘Mewaree ɔbea yi, nanso mekɔɔ no ho no, manhu hwee a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabun.’+ 15  Ɛba saa a, ababaa no papa ne ne maame mfa nea ɛkyerɛ sɛ ababaa no yɛ ɔbaabun mmɛkyerɛ kurow no mu mpanyimfo wɔ kurow no pon ano.+ 16  Afei ababaa no papa nka nkyerɛ mpanyimfo no sɛ, ‘Mede me babea maa ɔbarima yi aware, nanso ɔmpɛ+ no. 17  Na ɔbɔ no sobo sɛ wayɛ animguasede+ na ɔka sɛ: “Manhu hwee a ɛkyerɛ sɛ wo babea no yɛ ɔbaabun.”+ Nanso nea ɛkyerɛ sɛ me babea no yɛ ɔbaabun ni.’ Afei wɔntrɛw nnaso no mu wɔ kurom hɔ mpanyimfo anim. 18  Na kurom hɔ mpanyimfo+ ntwe ɔbarima no aso.+ 19  Na wonnye nnwetɛbona ɔha mfi ɔbarima no nkyɛn mfa mma ababaa no papa, efisɛ wabɔ Israelni baabun dimmɔne.+ Ɔbɛkɔ so ne no atena sɛ ne yere; ɔrentumi nnyaa no ne nkwa nna nyinaa. 20  “Na sɛ ɛba sɛ asɛm no yɛ nokware na wɔanhu adanse biara a ɛkyerɛ sɛ ababaa no yɛ ɔbaabun+ a, 21  ɛnde wɔmfa ababaa no mmegyina ne papa fie anim na ne kurom mmarima nsiw no abo mma onwu, efisɛ wayɛ aniwude+ wɔ Israel sɛ wabɔ aguaman wɔ ne papa fie.+ Yɛ saa fa yi adebɔne fi wo mfinimfini.+ 22  “Sɛ wohu sɛ ɔbarima bi ne obi yere ada a,+ ɛsɛ sɛ wɔn baanu wu, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbea no nyinaa.+ Yɛ saa fa yi adebɔne fi Israel.+ 23  “Sɛ ɔbarima bi nsa da ababaa a ɔyɛ ɔbaabun so+ na ɔbarima foforo hu no wɔ kurom na ɔne no da a,+ 24  momfa wɔn baanu mmra kurow no pon ano na munsiw wɔn abo mma wonwu. Nea enti a ɛsɛ sɛ ababaa no wu ne sɛ ɔwɔ kurom nso wanteɛteɛm, na ɔbarima no nso abrɛ ne yɔnko yere ase.+ Yɛ saa fa yi bɔne fi wo mfinimfini.+ 25  “Nanso sɛ ɔbarima no kyeree ababaa a obi nsa da no so no wɔ wuram na ɔne no dae a, ɛnde ɔbarima a ɔne no dae no na obewu, 26  na ababaa no de, nyɛ no hwee. Ababaa no nyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ owu, efisɛ asɛm yi te sɛ nea ɔbarima bi atow ahyɛ ne yɔnko so akum no*+ ara pɛ. 27  Wuram na ohuu no. Ababaa a obi nsa da no so no teɛteɛɛm nanso na obiara nni hɔ a obegye no. 28  “Sɛ ɔbarima bi hu ababaa bi a ɔyɛ ɔbaabun a obiara nsa nna no so na ɔkyere no ne no da+ na wohu wɔn a,+ 29  ɔbarima a ɔne no dae no ntua sika nnwetɛbona aduonum mma ɔbea no papa+ na ɔnware no efisɛ wabrɛ no ase. Ɔrentumi nnyaa no ne nkwa nna nyinaa.+ 30  “Obiara mmfa ne papa yere na wanyi ne papa nkataho.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “akum ne kra.”