Deuteronomium 25:1-19

25  “Sɛ asɛm bi si mmarima baanu ntam+ na wɔde ba atemmufo+ anim a, wommu wɔn atɛn; wommu nea n’asɛm yɛ dɛ no bem na wommu nea n’asɛm nyɛ dɛ no fɔ.+  Sɛ ɛfata sɛ wɔhwe nea odi fɔ+ no a, ɔtemmufo no mma ɔnna hɔ wɔ n’anim na ɔmmɔ no mmaa+ dodow a ɛne ne bɔne no sɛ.  Mmaa aduanan na ɔmmɔ no; ɔmmma ɛmmmoro so. Anyɛ saa na ɔhwe no boro so a,+ wo nua anim begu ase wɔ w’anim.  “Nkyekyere nantwi ano bere a ɔreporow awi.+  “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na biako wu bere a onni ba a, ɛnsɛ sɛ nea wawu no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nkɔ ne ho na ɔnware no na ɔnyɛ okunu nua asɛde.+  Na ɔmfa ne nua a wawu no din nto abofra a ɔbea no bedi kan awo no no so+ na ne nua no din anyera amfi Israel.+  “Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnde okunafo no nkɔ mpanyimfo nkyɛn wɔ kurow no pon ano+ na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Me kunu nua no mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel. Ɔmpɛ sɛ ɔware me yɛ okunu nua asɛde.’  Afei ne kurom mpanyimfo no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no, na onnyina wɔn anim nka sɛ, ‘Mempɛ sɛ meware no.’+  Ɛba saa a, ɔbea no nyi ne kunu nua no nan ase mpaboa wɔ mpanyimfo no anim+ na ɔmfe ntasu ngu n’anim+ nka nkyerɛ no sɛ, ‘Saa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ obi a ɔmpɛ sɛ ɔkyekye ne nua fie.’+ 10  Afei edin a wɔde bɛfrɛ no wɔ Israel ne ‘Nea wɔayi ne mpaboa no fie.’ 11  “Sɛ mmarima baanu reko na obiako yere ba sɛ ɔrebegye ne kunu afi nea ɔreboro no no nsam, na oso ne barima mu a,+ 12  twa ne nsa. Nhu no mmɔbɔ.+ 13  “Mfa nkaribo ahorow abien,+ kɛse ne ketewa, nhyɛ wo kotoku mu. 14  Mfa efa susude ahorow abien,+ kɛse ne ketewa, mma wo fie. 15  Fa nkaribo a ɛteɛ susuw biribiara pɛpɛɛpɛ, na saa ara na nya efa susude a ɛteɛ na ɛyɛ pɛ, na wo nkwa nna aware wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so.+ 16  Yehowa wo Nyankopɔn kyi obiara a ɔyɛ saa, obiara a osisi afoforo biara.+ 17  “Kae nea Amalek de yɛɛ mo bere a mufi Egypt reba no.+ 18  Kae sɛnea wonam kwan so a woabrɛ na woahodwow no ɔbɛtow hyɛɛ wɔn a wɔaka akyi no so twaa wɔn gui no; wansuro Onyankopɔn.+ 19  Enti sɛ wudu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na Yehowa wo Nyankopɔn ma wode wo ho fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a,+ popa Amalek ho nkae biara fi ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.

Ase Hɔ Nsɛm