Deuteronomium 26:1-19

26  “Na sɛ wunya du asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapade no so na wofa tena so a,+  fa asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so aba a edi kan+ no biara bi gu kɛntɛn mu kɔ faako a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bedua.+  Na bra ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn+ na ka kyerɛ no sɛ, ‘Mepɛ sɛ meka kyerɛ Yehowa wo Nyankopɔn nnɛ sɛ mabedu asase a Yehowa kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.’+  “Afei ɔsɔfo no nnye kɛntɛn no mfi wo nsam na ɔmfa nsi Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka no anim.  Ka wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Ná me papa yɛ Siriani a owu bɔn ne ho;+ na ɔde nnipa kakraa bi+ kɔtenaa Egypt+ sɛ ɔhɔho, nanso akyiri yi n’asefo bɛdɔɔso yɛɛ ɔman kɛse a wɔn ho yɛ den.+  Afei Egyptfo no fii ase tan yɛn ani, na wɔhyɛɛ yɛn so ma yɛyɛɛ nkoadwuma a ɛyɛ den.+  Enti yesũ frɛɛ Yehowa yɛn agyanom Nyankopɔn,+ na Yehowa tee yɛn nne+ na ohuu yɛn amanehunu ne yɛn haw ne yɛn ahokyere.+  Afei Yehowa nam nsa a ɛyɛ den+ ne basa a wɔateɛ mu+ ne ahude+ ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade+ so yii yɛn fii Egypt.  Na ɔde yɛn aba ha sɛ yɛmfa asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so yi.+ 10  Enti mede asase a Yehowa de ama me no so aba a edi kan aba.’+ “Afei fa si Yehowa wo Nyankopɔn anim na kotow Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 11  Na wo ne Lewini ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wo ani nnye+ sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ama wo ne wo fiefo nnepa yi nyinaa.+ 12  “Afe a ɛto so abiɛsa no yɛ afe a wobɛkyɛ wo nnɔbae nyinaa mu du de biako aba.+ Enti edu saa afe no a, kyɛ w’afuw mu nnɔbae a wunyae no mu du na fa emu biako ma Lewini ne ɔhɔho ne agyanka ne okunafo, na wonni wɔ wo kurow mu mmee.+ 13  Na kɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim na ka kyerɛ no sɛ, ‘Mayi ade kronkron afi me fie de ama Lewini ne ɔhɔho ne agyanka ne okunafo+ sɛnea ahyɛde a wode ama me no nyinaa te. Memman mfii w’ahyɛde ho na me werɛ mfii nso.+ 14  Bere a meredi awerɛhow no manni bi, na bere a na me ho ntew no manyi bi, na mamfa bi amma owufo biara. Matie Yehowa me Nyankopɔn asɛm, na mayɛ nea woahyɛ me nyinaa. 15  Fi wo tenabea kronkron+ a ɛwɔ soro hɔ no hwɛ wo man Israel na hyira wɔn+ ne asase a wode ama yɛn a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no,+ sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam no.’+ 16  “Yehowa wo Nyankopɔn rehyɛ wo nnɛ sɛ di ahyɛde ne atemmusɛm+ yi so. Enti fa wo koma+ ne wo kra+ nyinaa di so na yɛ. 17  Woama Yehowa aka nnɛ sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn na woanantew n’akwan so na woadi n’ahyɛde+ ne ne mmara nsɛm+ ne n’atemmusɛm+ so na woatie n’asɛm.+ 18  Na Yehowa nso ama woaka nnɛ sɛ wobɛyɛ ne man, n’agyapade titiriw,+ sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no,+ na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so. 19  Na ɔbɛma wo so asen aman a wabɔ nyinaa,+ na ɛde ayeyi abrɛ no, na ama ne din so, na ahyɛ no anuonyam. Na wobɛyɛ ɔman kronkron ama Yehowa wo Nyankopɔn+ sɛnea wahyɛ bɔ no.”

Ase Hɔ Nsɛm