Deuteronomium 27:1-26

27  Afei Mose ne Israel mpanyimfo no ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monhwɛ sɛ mubedi mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi mu biara so.+  Da a mubetwa Yordan+ akɔ asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no so no, monhyehyɛ abo akɛse nsi hɔ na momfa akado nka ho fitaa.  Sɛ mutwa kodu hɔ a,+ monkyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so+ na moakɔtena asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so, sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+  Enti sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi no, sɛ mutwa Yordan wie a, monhyehyɛ abo yi nsi Bepɔw Ebal+ so, na momfa akado nka ho fitaa.+  Bio nso, fa abo si afɔremuka wɔ hɔ ma Yehowa wo Nyankopɔn. Mfa dade biara nka.+  Fa abo amuamu si afɔremuka ma Yehowa wo Nyankopɔn, na bɔ ɔhyew afɔre ma Yehowa wo Nyankopɔn wɔ so.+  Afei bɔ asomdwoe afɔre+ na di wɔ hɔ,+ na gye w’ani wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+  Na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu abo no so,+ na ma emu nna hɔ.”+  Afei Mose ne Lewifo asɔfo no ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: “Israelfo, monyɛ komm na muntie. Ɛnnɛ moabɛyɛ Yehowa mo Nyankopɔn man.+ 10  Muntie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na munni ne mmara nsɛm+ ne n’ahyɛde+ a mede rema mo nnɛ yi so.” 11  Saa da no, Mose toaa so ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: 12  “Sɛ mutwa Yordan wie a, eyinom na wobegyina Bepɔw Gerisim+ so ahyira ɔman no: Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef, ne Benyamin. 13  Na eyinom nso na wobegyina Bepɔw Ebal+ so adome:+ Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan, ne Naftali. 14  Afei Lewifo no mma wɔn nne so nka mma Israelni biara nte sɛ:+ 15  “‘Nnome nka obiara a ɔyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu,+ Yehowa akyide+ a odwumfo de ne nsa ayɛ,+ a ɔde besi kokoam.’ (Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ, ‘Amen!’)+ 16  “‘Nnome nka nea obebu ne papa anaa ne maame animtiaa.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 17  “‘Nnome nka nea opia ne yɔnko hye kɔ akyi.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 18  “‘Nnome nka nea ɔbɛma onifuraefo ayera kwan.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 19  “‘Nnome nka nea obu ɔhɔho,+ agyanka ne okunafo+ atɛnkyea.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 20  “‘Nnome nka nea ɔne ne papa yere bɛda, efisɛ wayi ne papa nkataho.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 21  “‘Nnome nka nea ɔne aboa bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 22  “‘Nnome nka nea ɔne ne nuabea, ne papa anaa ne maame ba, bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 23  “‘Nnome nka nea ɔne n’asebea bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 24  “‘Nnome nka nea ɔkɔtɛw baabi de ade bɔ ne yɔnko kum no.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 25  “‘Nnome nka nea ogye adanmude kum ɔkra a onni fɔ.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 26  “‘Nnome nka nea ɔremfa mmara yi nyɛ adwuma.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)

Ase Hɔ Nsɛm