Deuteronomium 29:1-29

29  Eyi ne apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo mpam wɔ Moab asase so no mu nsɛm. Ɛsono apam a ɔne wɔn pamee wɔ Horeb no.+  Afei Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ankasa mode mo ani huu nea Yehowa de baa Farao ne ne nkoa ne n’asase nyinaa so wɔ Egypt no.+  Muhuu sɔhwɛ akɛse+ ne nsɛnkyerɛnne+ ne anwonwade akɛse.+  Nanso besi nnɛ, Yehowa mmaa mo koma a mode behu ne ani a mode bɛhwɛ ne aso a mode bɛte.+  ‘Bere a mede mo faa sare so mfe aduanan no,+ mo ho ntade antetew na mo nan ase mpaboa anhi.+  Moanni paanoo+ na moannom bobesa anaa mmosã biara na moahu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’  Afei bere a mubeduu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ behyiaa yɛn ne yɛn koe, na yedii wɔn so.+  Na yegyee wɔn asase maa Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no.+  Enti monhwɛ nni apam yi mu nsɛm so na ama biribiara a mobɛyɛ asi mo yiye.+ 10  “Ɛnnɛ mo nyinaa gyina Yehowa mo Nyankopɔn anim, mo mmusua ti, mo mpanyimfo, mo atitiriw, Israel mmarima nyinaa,+ 11  ne mo mma nkumaa ne mo yerenom+ ne ahɔho+ a wɔwɔ mo nkyɛn nyinaa, wɔn a wɔkɔ anyina ma mo ne wɔn a wɔkɔ nsu ma mo.+ 12  Moahyia nnɛ sɛ mo ne Yehowa mo Nyankopɔn rebɛyɛ apam+ na moaka ntam wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ 13  na moabɛyɛ ne man+ na ɔno nso ayɛ mo Nyankopɔn,+ sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ na ɔkaa mo agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ ntam no. 14  “Nanso ɛnyɛ mo nkutoo na me ne mo reyɛ apam ma moaka ɛho ntam yi,+ 15  na mmom obiara a ɔne yɛn gyina Yehowa yɛn Nyankopɔn anim nnɛ ne wɔn a wonni yɛn nkyɛn nnɛ nyinaa nso.+ 16  (Mo ankasa munim sɛnea yɛtenaa Egypt asase so ne sɛnea yetwaam faa aman foforo nsase so, aman a mofaa wɔn mfinimfini no.+ 17  Na muhuu wɔn akyide ne wɔn abosom fĩ+ a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sika ayɛ a ɛwɔ wɔn nkyɛn no.) 18  Monhwɛ yiye na mo mu ɔbarima anaa ɔbea anaa abusua anaa abusuakuw bi koma amman amfi Yehowa yɛn Nyankopɔn ho nnɛ ankɔsom amanaman no anyame,+ na ntini bi amfefɛw ansow awɔnwene a edi awu.+ 19  “Na sɛ obi te ntanka yi+ na ohyira ne ho wɔ ne komam ka sɛ ‘Mipirim me koma mpo a,+ menya asomdwoe,’+ na ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛpra nea asi frɔmm ne nea ahoa nyinaa akɔ a, 20  ɛnde Yehowa nso remfa mfiri no,+ mmom Yehowa bo befuw+ no na ɔde n’anibere+ mu wusiw bepun no,+ na nnome a ɛwɔ nhoma yi mu nyinaa bɛba no so,+ na Yehowa bɛpopa ne din afi ɔsoro ase. 21  Na Yehowa beyi+ no afi Israel mmusua nyinaa mu de ɔhaw aba no so, sɛnea apam no mu nnome a wɔakyerɛw wɔ mmara nhoma yi mu no te. 22  “Awo ntoatoaso a wɔbɛba daakye, mo nkyirimma, ne ahɔho a wofi akyirikyiri asase so nyinaa bɛka ho asɛm, bere a wohu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asase no so no.+ 23  Sɛ wohu sɛ sufre ne nkyene+ ne ɔhyew+ asɛe asase no nyinaa na obiara ntumi nnua ade wɔ so, na biribiara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora+ ne Adma+ ne Seboiim+ a Yehowa nam n’abufuhyew so ka gui no a,+ 24  aman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Dɛn nti na Yehowa ayɛ asase yi saa?+ Dɛn ne abufuhyew kɛse yi?’ 25  Na wɔbɛka sɛ, ‘Efisɛ wɔapo apam+ a Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn ne wɔn yɛe bere a oyii wɔn fii Egypt asase so no.+ 26  Na wɔakɔsom anyame foforo akotow wɔn, anyame a wonnim wɔn a ɛnyɛ ɔno na ɔde maa wɔn.+ 27  Afei Yehowa abufuw dɛw hyɛɛ asase no na ɔde nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu nyinaa baa so.+ 28  Enti Yehowa de anibere ne abufuw+ tuu wɔn fii wɔn asase so kɔtow wɔn guu asase foforo so sɛnea ɛte nnɛ yi.’+ 29  “Nsɛm a ahintaw+ yɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn dea, na nea wɔayi no adi+ no yɛ yɛne yɛn mma dea daa, na ama yɛadi mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+

Ase Hɔ Nsɛm