Deuteronomium 3:1-29

3  “Afei yɛdan yɛn ho foro faa Basan kwan so. Ɛnna Basan hene Og+ boaa ne dɔm ano behyiaa yɛn wɔ Edrei+ sɛ ɔne yɛn rebɛko.  Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nsuro no,+ na mede ɔne ne nkurɔfo nyinaa ne n’asase bɛhyɛ wo nsa na woayɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a na ɔte Hesbon no.’+  Enti Yehowa yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og ne ne nkurɔfo nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yekunkum wɔn nyinaa na anka onipa biako mpo.+  Yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no. Kurow biako mpo nni hɔ a yɛannye wɔ wɔn nsam. Yɛfaa nkurow aduosia,+ Argob+ asase nyinaa, Og ahemman a ɛwɔ Basan.+  Ná ɛyɛ nkurow akɛse a ɛwɔ afasu atenten ne apon akɛse a dade deda akyi. Eyinom akyi no, na nkurow nketewa pii nso wɔ hɔ.  Nanso yɛsɛee+ ne nyinaa pasaa sɛnea yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no, na yɛsɛee kurow biara, mmarima, mmea ne mmofra.+  Na wɔn mmoa ne nneɛma foforo a ɛwɔ kurow no mu de, yɛfae sɛ asade.+  “Saa bere no ara na yegyee asase no fii Amorifo ahene baanu+ a na wɔwɔ Yordan mantam mu no nsam, fi Arnon+ subon ho kosi Bepɔw Hermon+ ho.  (Ná Sidonfo frɛ Hermon sɛ Sirion,+ na Amorifo nso frɛ no Senir.)+ 10  Afei yɛfaa nkurow a ɛwowɔ asase tratraa so no ne Gilead ne Basan nyinaa kosii Saleka+ ne Edrei,+ nkurow a ɛwɔ Og ahemman mu wɔ Basan no. 11  Saa bere no na Basan hene Og ne Refaimni+ a waka. Na ne mpa a wɔde funu to so yɛ dade mpa. Mpa yi si Ammonfo kurom wɔ Raba.+ Ne tenten yɛ basafa akron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan. 12  Saa bere no ara na yɛfaa asase no; efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon subon ho ne Gilead bepɔw no fã ne nkurow a ɛwowɔ hɔ no, mede ama Rubenfo ne Gadfo.+ 13  Na mede Gilead+ asase a aka ne Og ahemman a ɛwɔ Basan+ nyinaa ama Manase abusuakuw no fã. Wɔfrɛ Argob+ anaa Basan mantam hɔ nyinaa sɛ Refaim+ asase. 14  “Manase ba Yair+ faa Argob+ asase no nyinaa besii Gesurfo+ ne Maakatfo+ hye so. Na ɔde ne din too Basan nkuraa a ɛwowɔ hɔ no frɛɛ hɔ Hawot-Yair+ besi nnɛ. 15  Mede Gilead+ nso ama Makir.+ 16  Mede asase a efi Gilead+ kosi Arnon subon no mfinimfini ama Rubenfo+ ne Gadfo. Ɛba besi Yabok subon ho wɔ Ammonfo hye so,+ 17  ne Araba ne Yordan asase no ho kɔfa Kineret+ besi Araba po anaa Nkyene Po+ no ho wɔ Pisga+ bepɔw no ase wɔ apuei fam. 18  “Enti meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Yehowa mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ momfa. Mmarima akokodurufo nyinaa, mobɛfa mo akode adi mo nuanom Israelfo anim akɔ asase no so.+ 19  Mo yerenom ne mo mma nkumaa ne mo mmoa (mmoa nso de, minim sɛ mowɔ pii), eyinom nkutoo na wɔbɛtena nkurow a mede ama mo no mu+ 20  kosi sɛ Yehowa bɛma mo ne mo nuanom ahome na wɔafa asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama wɔn wɔ Yordan agya no. Ɛno akyi no, mubetumi asan aba asase a mede ama mo no so.’+ 21  “Afei meka kyerɛɛ Yosua+ sɛ, ‘W’ankasa woahu nea Yehowa wo Nyankopɔn de ayɛ ahene baanu no nyinaa. Saa ara na Yehowa bɛyɛ ahemman a morekɔ mu no nyinaa.+ 22  Munnsuro wɔn efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn bɛko ama mo.’+ 23  “Afei mesrɛɛ Yehowa saa bere no sɛ, 24  ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woama w’akoa ahu wo kɛseyɛ+ ne wo basa dennen no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne w’ahoɔdenne yi bi?+ 25  Mesrɛ wo ma mintwa nkɔhwɛ asase pa+ a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw so+ asase fɛfɛ no ne Lebanon.’+ 26  Na mo nti Yehowa bo fuw me,+ na wantie me. Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Twa so! Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio. 27  Foro kogyina Pisga+ na ma w’ani so hwɛ atɔe ne atifi ne anafo ne apuei, na Yordan de, worentwa.+ 28  Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa Yordan,+ na ɔde asase a wubehu no bɛma wɔn.’+ 29  Saa bere yi nyinaa na yɛte bon mu wɔ Bet-Peor anim.+

Ase Hɔ Nsɛm