Deuteronomium 30:1-20

30  “Na ɛba sɛ nsɛm yi nyinaa ba wo so, nhyira+ ne nnome+ a mede asi w’anim yi nyinaa, na wokae+ wɔ aman a Yehowa wo Nyankopɔn apam wo+ kɔ so no nyinaa mu,  na wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo koma ne mo kra nyinaa tie n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi a,+  ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn behu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfo a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa so.+  Sɛ wo nkurɔfo no ahwete akodu ɔsoro akyi tɔnn mpo a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛboaboa wɔn ano afi hɔ aba.+  Yehowa wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a ɔde maa w’agyanom no so na woafa; ɔbɛdom wo na wama w’ase atrɛw asen w’agyanom.+  Na Yehowa wo Nyankopɔn betwa wo koma+ ne w’asefo+ koma twetia na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ Yehowa wo Nyankopɔn na woanya nkwa.+  Na Yehowa wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛba w’atamfo ne wɔn a wokyi wo a wɔtaa wo nyinaa so.+  “Nanso wo de, wobɛsesã w’akwan abetie Yehowa asɛm na woadi n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so.+  Afei Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nsa ano adwuma ma abu so,+ na wo yafunum aba bɛdɔɔso, na w’afieboa ase atrɛw+ na w’afuw mu nnɔbae abu so,+ na sɛnea Yehowa ani gyee w’agyanom ho no, saa ara na n’ani begye wo ho+ na wahyira wo.+ 10  Ɛbɛba saa efisɛ wubetie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ mmara nhoma yi mu no so,+ na wode wo koma ne wo kra nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+ 11  “Mmara a mede rema wo nnɛ yi nyɛ den dodo mma wo na enni akyiri nso.+ 12  Enni soro na woaka sɛ, ‘Hena na ɔbɛkɔ soro akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate na yɛadi so?’+ 13  Na enni po agya nso na woaka sɛ, ‘Hena na obetwa akɔ po agya akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate na yɛadi so?’ 14  Na asɛm no bɛn wo pɛɛ, ɛwɔ w’anom ne wo komam,+ enti ɛno ara ne sɛ wubedi so.+ 15  “Ɛnnɛ mede nkwa ne papa, owu ne bɔne asi w’anim.+ 16  Sɛ wutie Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi, na wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn,+ na wonantew n’akwan so di ne mmara nsɛm+ ne n’ahyɛde ne n’atemmusɛm+ nyinaa so a, ɛnde wubenya nkwa+ na w’ase atrɛw, na Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo wɔ asase a worekɔfa no so.+ 17  “Na sɛ wo koma dan na woantie,+ na wɔto wo brada ma wokɔkotow anyame foforo na wosom wɔn a,+ 18  ɛnde meka no pen kyerɛ mo nnɛ sɛ wɔbɛsɛe mo,+ na morenkyɛ wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so. 19  Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ wonni mo ho adanse:+ Mede nkwa ne owu,+ nhyira+ ne nnome,+ asi w’anim; enti fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa.+ 20  Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten.+ Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”+

Ase Hɔ Nsɛm