Deuteronomium 31:1-30

31  Afei Mose de asɛm yi kɔtoo Israelfo nyinaa anim,  na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ madi mfe ɔha aduonu.+ Merentumi nni akɔneaba bio,+ efisɛ Yehowa aka akyerɛ me sɛ, ‘Worentwa Yordan yi.’+  Yehowa wo Nyankopɔn bedi w’anim atwa akɔ.+ Na ɔbɛtɔre aman yi nyinaa ase afi w’anim na woatu wɔn.+ Yosua na obedi w’anim atwa,+ sɛnea Yehowa aka no.  Yehowa bɛsɛe+ wɔn sɛnea ɔsɛee Amorifo ahene Sihon+ ne Og+ ne wɔn nsase no.  Yehowa de wɔn ahyɛ mo nsa,+ enti monyɛ wɔn sɛnea mmara a mede maa mo no te.+  Momma mo bo nyɛ duru na mo ho nyɛ den.+ Munnsuro wɔn na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka mo ho. Ɔrempo mo na ɔrennyaw mo.”+  Afei Mose frɛɛ Yosua baa Israelfo nyinaa anim ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.+  Yehowa di w’anim. Ɔka wo ho,+ ɔrempo wo, na ɔrennyaw wo. Enti nsuro na mmɔ hu.”+  Afei Mose kyerɛw mmara yi,+ na ɔde maa Lewi mma asɔfo+ a wɔsoa Yehowa apam adaka+ no ne Israel mpanyimfo nyinaa. 10  Mose toaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ edu mfe ason biara awiei, bere a wɔde ka kyɛ+ ne bere a wodi asese afahyɛ no a,+ 11  Israel nyinaa bɛba Yehowa mo Nyankopɔn anim+ wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ no,+ na monkan mmara yi wɔ Israelfo nyinaa anim ma wɔnte.+ 12  Mommoaboa ɔman no nyinaa ano,+ mmarima ne mmea ne mmofra ne ahɔho a wɔwɔ mo kurom nyinaa, na wontie na wonsua+ na wonsuro Yehowa mo Nyankopɔn,+ na wonni mmara yi mu nsɛm nyinaa so. 13  Na wɔn mma a wonnim hwee no ntie+ na wonsuro Yehowa mo Nyankopɔn, nna a mode bɛtena asase a moretwa Yordan akɔfa no so nyinaa.”+ 14  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Aka kakraa bi ama woawu.+ Enti frɛ Yosua na mummegyina m’anim wɔ ahyiae ntamadan no mu na menyɛ no ɔkannifo.”+ Na Mose ne Yosua kogyinaa ahyiae ntamadan no mu.+ 15  Afei Yehowa nam omununkum dum mu baa ntamadan no mu, na omununkum dum no begyinaa ntamadan no ano.+ 16  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda;+ na ɔman yi du asase a wɔrekɔ so+ no so a, wɔbɛsɔre+ ne ananafo anyame abɔ aguaman wɔ wɔn mfinimfini pɛɛ. Wobefi m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛe no so.+ 17  Saa da no, m’abufuw bɛdɛw ahyɛ wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adan m’ani afi wɔn so,+ na meyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛe. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+ 18  Esiane sɛ wɔayɛ bɔne na wɔakodi anyame foforo akyi nti, saa da no meyi m’ani afi wɔn so koraa.+ 19  “Afei monkyerɛw dwom yi+ na monkyerɛ Israelfo no.+ Momma dwom yi nna wɔn ano na enni me adanse wɔ Israelfo anim.+ 20  Na mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so+ a mekaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no so,+ na wobedidi+ amee ayeyɛ akɛse.+ Afei wɔbɛkɔ akodi anyame foforo akyi+ akɔsom wɔn, na me de, wobetiatia m’anim abu m’apam so.+ 21  Afei sɛ ɔhaw ne ahokyere ba wɔn so a,+ dwom yi bedi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛremfi wɔn asefo anom. Na ansa na mede wɔn bedu asase a maka ho ntam no so mpo no, minim nea ɛwɔ wɔn komam+ nnɛ.” 22  Enti saa da no Mose kyerɛw dwom yi sɛnea ɔde bɛkyerɛ Israelfo no.+ 23  Na Onyankopɔn yɛɛ Nun ba Yosua ɔkannifo,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a mekaa wɔn ntam sɛ mede bɛma wɔn no so,+ na medi w’akyi.” 24  Afei bere a Mose kyerɛw mmara yi mu nsɛm hyɛɛ nhoma mu wiei no,+ 25  Mose ka kyerɛɛ Lewifo a wɔsoa Yehowa apam adaka+ no sɛ: 26  “Momfa mmara nhoma yi+ nto Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no ho+ na enni mo adanse.+ 27  Minim sɛ moyɛ atuatewfo+ na mo kɔn asen.+ Ɛnnɛ a mete ase mpo na motew Yehowa so atua yi,+ ɛnde miwu a minnim nea ebesi! 28  Momfrɛ mo mmusua mu mpanyimfo ne atitiriw+ no nyinaa mma me na memfa asɛm yi nto wɔn anim, na memfrɛ ɔsoro ne asase nni wɔn ho adanse.+ 29  Minim sɛ me wu akyi no mobɛyɛ abusude pii,+ na mobɛman afi ɔkwan a maka sɛ momfa so no so. Eyi de ɔhaw+ bɛba mo so wɔ awiei bere no mu, efisɛ mobɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na mode mo nsa ano adwuma behuru ne bo.”+ 30  Afei Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa maa Israel asafo no nyinaa tee kosii sɛ owiei:+

Ase Hɔ Nsɛm