Deuteronomium 32:1-52

32  Ɔsoro, yɛ aso na menkasa;Asase nso ntie m’anom asɛm.+   Me nkyerɛkyerɛ bɛsosɔ sɛ osu,+M’asɛm begu sɛ obosu,+Ɛbɛyɛ sɛ osu a ɛretɔ gu sare so+Na ayɛ sɛ osu a ɛrepete nhaban so.+   Mɛbɔ Yehowa din.+Montontono yɛn Nyankopɔn!+   Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+   Wɔn de, wɔasɛe wɔn ho;+Wɔnyɛ ne mma bio, wɔn ankasa nkekae nti.+Wɔyɛ awo ntoatoaso a wɔakɔntɔn na wɔakyea!+   Ɔman nkwaseafo a munnim nyansa,+Yehowa na moyɛ no saa no?+Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya a ɔbɔɔ mo?+Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ mo na ɔmaa mo ase timii?+   Monkae tete,+Mummu nkɔmpɔw nhwɛ mo akyi, awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso;Bisa w’agya, na ɔbɛkyerɛ wo;+Wo mpanyimfo, na wɔbɛka akyerɛ wo.+   Bere a Ɔsorosoroni no maa aman no agyapade,+Na ɔpaapaee Adam mma mu no,+Otwaa ɔman biara hye maa no+Sɛnea Israelfo dodow te.+   Na Yehowa kyɛfa ne ne man;+Yakob yɛ n’agyapade.+ 10  Ohuu no wɔ sare so,+Sare pradada so mmoa su mu.+Na otwaa ne ho hyiae+ hwɛɛ no so,+Ɔbɔɔ ne ho ban sɛ n’aniwa kesua.+ 11  Sɛnea ɔkɔre wosow ne buw,Na otu fa ne mma so,+Trɛw ne ntaban mu fa wɔn,Na ɔde wɔn gu ne ntakra so no,+ 12  Yehowa nkutoo na odii n’anim,+Na ananafo nyame biara nka ne ho.+ 13  Ɔma ɔfaa asase so nkoko so,+Na odii asase no so nnɔbae.+Ɔmaa ofew ɛwo fii ɔbotan mu,+Na onyaa ngo fii abohemmaa mu.+ 14  Ɔmaa no anantwi srade ne nguan nufusu+Ne adwennini srade,Ne Basan nguan a wɔadɔ, ne mpapo+Ne awi asaabo mu srade;+Na wonom bobe mu mogya sɛ nsã.+ 15  Yesurun+ yɛɛ kɛse no, ɔtotow ne nan.+O Yesurun, woayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru, woabɔ mã.+Enti ɔpoo Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,+Na obuu ne nkwagye Botan+ no animtiaa. 16  Wɔde ananafo anyame+ huruu ne bo;+Na wɔde akyide hyɛɛ no abufuw.+ 17  Wɔbɔɔ afɔre maa adaemone, ɛnyɛ Onyankopɔn,+Anyame a wonnim wɔn,+Anyame a wɔbae nkyɛe koraa,+Anyame a mo agyanom nnim wɔn ho hwee. 18  Nanso Ɔbotan a ɔwoo wo no de, wo werɛ afi no,+Na Onyankopɔn a ɔkyem woo wo no, wunni ne ho nkae biara.+ 19  Yehowa huu saa no, wɔn ho yɛɛ no nwini,+Efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea huruu ne bo. 20  Enti ɔkae sɛ, ‘Ma minyi m’ani nhintaw wɔn,+Ma menhwɛ sɛnea ebewie wɔn.Na wɔyɛ awo ntoatoaso nkontompofo,+Mma a nokware biara nni wɔn mu.+ 21  Wɔn de, wɔde anyamehunu ahuru me bo;+Na wɔde abosonhuhuw ahyɛ me abufuw;+Me nso, mede ɔman hunu behuru wɔn bo;+Na mede ɔman agyimfo beyi wɔn ahii.+ 22  M’abufuw mu gya asɔ,+Na ɛbɛhyew akosi Adamoa* ase tɔnn.+Ɛbɛhyew asase ne ɛso nneɛma,+Na ɛde ogya ato mmepɔw nnyinaso mu.+ 23  Mɛma ɔhaw abu wɔn so,+Na m’agyan nyinaa bɛsa wɔ wɔn so.+ 24  Ɔkɔm+ bekisa wɔn na atiridiinini+Ne ɔsɛe yawyaw amene wɔn.+Mede mmoa se bɛtoa wɔn+Ne mfutuma mu awɔ ano bɔre.+ 25  Nkrante bekunkum wɔn abɔnten+Na ehu akum wɔn mpia mu,+Mmerante ne mmabaa,+Nkokoaa ne wɔn a wɔafuw dwen nyinaa.+ 26  Anka mɛka sɛ: “Mɛbɔ wɔn apete,+Na mɛma wɔn din ayera adesamma mu,”+ 27  Nanso misuro sɛ ɔtamfo no behuru me bo,+Na wɔn a wokyi wɔn no bɛkyea asɛm no,+Na wɔbɛka sɛ: “Yɛakyerɛ yɛn tumi,+Yehowa nsa nnim.”+ 28  Wɔyɛ ɔman a nyansa abɔ wɔn,+Na wɔne nhumu abɔ nsianho.+ 29  O sɛ wonim nyansa a!+ Anka wobedwen asɛm yi ho.+Anka wobehu wɔn awiei.+ 30  Obiakofo bɛyɛ dɛn atoa apem,Na ɛbɛyɛ dɛn na baanu ama mpem du aguan?+Gye sɛ wɔn Botan no atɔn wɔn,+Na Yehowa ayi wɔn ama. 31  Wɔn botan no nte sɛ yɛn Botan no,+Na yɛn atamfo mpo begye atom saa.+ 32  Wɔn bobe yɛ Sodom bobe,Efi Gomora mfuw mu.+Wɔn bobe aba yɛ awuduru,N’asiaw yɛ nwene.+ 33  Wɔn nsã yɛ awɔ akɛse bɔre,Aprammiri bɔre a edi awu.+ 34  Makora so wɔ me nkyɛn,Na masɔ ano wɔ m’adekoradan mu.+ 35  Aweredi wɔ me, na me na metua ka.+Bere du a, wɔn nan bɛkeka abom,+Efisɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na nea ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+ 36  Yehowa bebu ne nkurɔfo atɛn+Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no yaw,+Efisɛ obehu nnipa a wɔn ahoɔden asa,Nnipa hunu a wonni ɔboafo biara. 37  Na ɔbɛka sɛ, ‘Wɔn anyame no wɔ he,+Ɔbotan a wɔde wɔn ho twerii no no wɔ he,+ 38  Wɔn a wodii wɔn afɔrebɔ srade no,+Na wɔnom wɔn afɔrebɔ nsã no?+Ma wɔnsɔre mmoa mo.+Ma wɔmfa mo nsie.+ 39  Afei munhu sɛ mene Onyankopɔn+Na anyame biara nka me ho.+Me na mikum, na me na migye nkwa.+Mipira,+ na mesa,+Na obiara rentumi nhwim biribi mfi me nsam.+ 40  Mede me nsa kyerɛ soro ka ntam,+Na meka sɛ: “Mete ase daa yi,”+ 41  Sɛ mesew me nkrante ano hyɛnn,+Na me nsa so atemmu mu a,+Metua m’atamfo ka+Na matwe wɔn a wɔtan me no aso.+ 42  Mɛma mogya abow m’agyan,+Na me nkrante bedi nam,+Wɔn a wɔakunkum wɔn ne nnommum mogya,Wɔn a wodi ɔtamfo no anim no ti.’+ 43  Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+Obetua n’atamfo ka,+Obebisa ne nkoa mogya afi wɔn nsam,+Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfo asase.” 44  Afei Mose ne Nun ba Hosea+ bɛkaa nnwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ ɔman no.+ 45  Bere a Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israel wiei no, 46  ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi nyinaa nna mo koma so,+ na moaka akyerɛ mo mma na wɔadi mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+ 47  Asɛm yi nyɛ nsɛnhunu,+ na mmom ɛne mo nkwa,+ na asɛm yi na ɛbɛma mo nna aware wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so.”+ 48  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose saa da no ara sɛ: 49  “Foro kɔ Abarim bepɔw yi so,+ Bepɔw Nebo+ a ɛwɔ Moab asase so no so, beae a ɛne Yeriko di nhwɛanim no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede bɛma Israelfo no.+ 50  Na wubewu wɔ bepɔw a worekɔ so no so, na wobesie wo aka wo nkurɔfo ho,+ sɛnea wo nua Aaron wui wɔ Bepɔw Hor so+ na wosiee no kaa ne nkurɔfo ho no, 51  efisɛ mofom me+ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba nsu+ a ɛwɔ Kades no ho wɔ Sina sare so, efisɛ moanyɛ me kronkron wɔ Israelfo no mu.+ 52  Na w’ani na wode behu asase a mede rema Israelfo no wɔ akyirikyiri, na wo nan de, ɛrensi hɔ.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.