Deuteronomium 33:1-29

33  Ansa na nokware Nyankopɔn nipa Mose+ rebewu no, ohyiraa+ Israelfo no.  Ɔkae sɛ:“Yehowa fi Sinai bae,+Na ofi Seir puee wɔn so.+Ɔhyerɛn fii Paran bepɔw so,+Na abɔfo kronkron huhaa ka ne ho,+Wɔn nnɔmmarima wɔ ne nsa nifa so.+   Ɔdɔ ne man,+Na wɔn akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam.+Wɔbɛtenatenaa wo nan ase,+Na wotiee w’asɛm.+   (Mose maa yɛn mmara,+Yakob asafo no agyapade.)+   Ɔbɛyɛɛ ɔhene wɔ Yesurun,+Bere a ɔman no mpanyimfo hyiae,+Bere a Israel mmusua nyinaa hyiae no.+   Ma Ruben ntena ase, mma onnwu,+Mma ne fiefo so nntew.”+  Na ohyiraa Yuda+ nso sɛ:“Yehowa, tie Yuda adesrɛ,+Na fa no bra ne nkurɔfo nkyɛn.Ne nsa ako ama no;Boa no gye no fi n’atamfo nsam.”+  Nea ɔka faa Lewi ho nso ni:+“Wo Tumim ne Urim*+ yɛ nea odi wo nokware no dea,+Nea wosɔɔ no hwɛe wɔ Masa no.+Wo ne no dii asi wɔ Meriba nsu ho.+   Ɔno na ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne maame sɛ, ‘Minhuu no.’Ne nuanom mpo ɔpoo wɔn,+Na ne mma nso, na onnim wɔn.Wodii w’asɛm so,+Na wokuraa w’apam mu.+ 10  Ma wɔmfa w’atemmusɛm nkyerɛkyerɛ Yakob+Na wɔmfa wo mmara nkyerɛkyerɛ Israel.+Ma wɔnhyew aduhuam wo hwene ano pɛɛ,+Na wɔmmɔ afɔre mũ w’afɔremuka so.+ 11  Yehowa, hyira no ma no ahoɔden,+Na ma w’ani nnye ne nsa ano adwuma ho.+Wɔn a wɔsɔre tia no no, huan wɔn dwonku,+Na wɔn a wokyi no nso yɛ wɔn saa ara, na wɔansɔre bio.”+ 12  Nea ɔka faa Benyamin ho ni:+“Ma nea Yehowa dɔ no+ no ntena ne nkyɛn dwoodwoo,+Ɔmmɔ ne ho ban da mũ nyinaa,+Na ɔmfa no nsi akɔnkɔn.”+ 13  Nea ɔka faa Yosef ho nso ni:+“Yehowa nhyira n’asase daa,+Na ɔmma no ɔsoro nnepa, ɔsoro bosu,+Ne subun a ɛwɔ fam.+ 14  Ɔmma no nnepa, owia de,+Na ɔmma no nnepa, ɔsram biara de.+ 15  Ɔmma no apuei mmepɔw so nnepa,+Ne nkoko a etim hɔ daa so nnepa. 16  Ɔmma no asase so nnepa ne nea ɛwɔ so nyinaa bi,+Na onnya nea ɔte nkyɛkyerɛ mu no anim dom.+Ne nyinaa mmra Yosef atifi,+Ɛmmra nea woyii no fii ne nuanom mu no mpampam.+ 17  N’anuonyam te sɛ nantwinini abakan,+Na ne mmɛn yɛ ɛkoɔ mmɛn.+Ɔde bepiapia aman+Na wɔn nyinaa akogu asase ano,Ɛno ne Efraim ɔpedudu,+Ne Manase mpempem.” 18  Nea ɔka faa Sebulon ho nso ni:+“Sebulon, ma w’ani nnye w’akwantu mu,+Isakar nso, wo ntamadan mu.+ 19  Wɔbɛfrɛ nnipa akɔ bepɔw so.Ɛhɔ na wɔbɛbɔ trenee afɔre.+Na wobefew po mu agyapade bebree+Ne anhwea mu ademude a ahintaw.” 20  Nea ɔka faa Gad ho ni:+“Nhyira nka nea ɔbɛtrɛw Gad ahye mu.+Ɔte hɔ sɛ gyata,+Na ɔbɛtew basa, mpampam ankasa.+ 21  Ɔbɛpaw nea eye afa,+Ɛhɔ na mmarahyɛfo kyɛfa wɔ.+Na ɔman no mpanyimfo behyia.Ɔbɛda Yehowa trenee adi,Ne n’atemmusɛm wɔ Israel ho.” 22  Nea ɔka faa Dan ho nso ni:+“Dan yɛ gyata ba.+Obehuruw afi Basan.”+ 23  Nea ɔka faa Naftali ho nso ni:+“Yehowa adom amee Naftali,Na ne nhyira ayɛ no mã.Fa atɔe ne anafo di so.”+ 24  Nea ɔka faa Aser ho nso ni:+“Wɔde mma behyira Aser.+Ma ne nuanom nnye no ntom,+Na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.+ 25  Dade ne kɔbere yɛ wo pon akyi adaban,+Na wo nkwa nna nyinaa yɛ nna a wode beyi akyẽa. 26  Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun+ nokware Nyankopɔn no,+Ɔno na ɔnam soro boa wo+Na ɔnam wim mununkum mu wɔ n’anuonyam mu.+ 27  Tete Nyankopɔn ne wo guankɔbea,+Ne basa wɔ w’ase daa.+Ɔbɛpam w’atamfo afi w’anim,+Na ɔbɛka sɛ, ‘Sɛe wɔn!’+ 28  Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,+Yakob abura bɛtena hɔ komm+Asase a awi ne nsã foforo abu so so.+Na obosu bɛsosɔ afi ne soro.+ 29  Israel, ma w’ani nnye!+Hena na ɔte sɛ wo,+Ɔman a anya Yehowa nkwagye?+Ɔno ne wo kyɛm a ɔboa wo+Ne wo nkrante kɛse.+Enti w’atamfo ho bɛpopo w’anim+Na wo de, wubetiatia wɔn mmepɔw ne wɔn nkoko so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ex 28:30 ase hɔ asɛm, “Tumim.”