Deuteronomium 4:1-49

4  “Israel, afei muntie ahyɛde ne atemmusɛm a merekyerɛkyerɛ mo yi na munni so na moanya nkwa,+ na moakɔfa asase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no.  Mommfa biribiara nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so.  “Mo ankasa mode mo ani huu nea Yehowa yɛe bere a ebinom kɔsom Baal-Peor no.+ Yehowa mo Nyankopɔn sɛee obiara a okodii Baal-Peor akyi fii mo mu.+  Na mo a mode mo ho fam+ Yehowa mo Nyankopɔn ho no nyinaa te ase nnɛ.  Hwɛ, mama moahu ahyɛde+ ne atemmusɛm+ yi sɛnea Yehowa me Nyankopɔn hyɛɛ me no na moayɛ no saa ara wɔ asase a morekɔfa no so.  Munni so efisɛ ɛno na ɛbɛma moanya nyansa+ ne nhumu+ wɔ aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛse yi wɔ nyansa ne nhumu ampa.’+  Ɔman kɛse+ bɛn na wɔwɔ anyame a wɔbɛn wɔn sɛnea Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn na yetumi kɔ n’anim yi?+  Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ ahyɛde ne atemmusɛm a ɛteɛ sɛ mmara a mede rema mo nnɛ yi?+  “Ɛno ara ne sɛ monhwɛ mo ho yiye na mo ani mmra mo kra+ so na mo werɛ amfi nea moahu no,+ na amfi mo komam mo nkwa nna nyinaa;+ na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma ne mo mmanana.+ 10  Momma wonhu nea esii da a mubegyinaa Yehowa mo Nyankopɔn anim wɔ Horeb+ no. Saa da no Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Boaboa nkurɔfo no ano wɔ m’anim na wontie me nsɛm+ na wonsua sɛ wobesuro+ me, nna dodow a wobedi wɔ asase no so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma.’+ 11  “Enti mubegyinaa bepɔw no ase, na ogya dɛw wɔ bepɔw no so kɔɔ ɔsoro, na esum ne omununkum kumɔnn bae, na wim yɛɛ kusuu.+ 12  Na Yehowa fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu nipasu+ biara; ɛnne kɛkɛ na motee.+ 13  Na ɔde n’apam+ a ɛne Nsɛm Du+ no too mo anim, na ɔkae sɛ munni so. Afei ɔkyerɛw guu abopon abien so.+ 14  Na me na Yehowa hyɛɛ me saa bere no sɛ menkyerɛ mo ahyɛde ne atemmusɛm no na moadi so wɔ asase a morekɔfa no so.+ 15  “Enti monhwɛ mo kra so yiye,+ efisɛ da a Yehowa fi ogya mu ne mo kasae wɔ Horeb no, moanhu nipasu+ biara. 16  Monhwɛ na moanyɛ asobrakye+ ankɔyɛ ohoni* anaa ade biara sɛso, ɔbarima anaa ɔbea+ biara sɛso, 17  asase so aboa+ anaa anomaa a otu fa soro+ biara sɛso, 18  ade biara a ɛwea wɔ asase so anaa apataa+ a ɔwɔ nsu mu wɔ asase ase biara sɛso. 19  Anyɛ saa a, mobɛma mo ani so ahwɛ soro ahu owia ne ɔsram ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na ebegyigye mo ama moasom wɔn.+ Eyinom na Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.+ 20  Nanso mo de, Yehowa ayi mo afi Egypt dade fononoo+ mu de mo abɛyɛ n’ankasa agyapade+ sɛnea ɛte nnɛ yi. 21  “Na mo nti Yehowa bo fuw me,+ na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan na merenkɔ asase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo sɛ agyapade no so.+ 22  Me de, merebewu wɔ asase yi so.+ Merentwa Yordan, na mo de, mubetwa akɔfa asase pa no. 23  Monhwɛ yiye na mo werɛ amfi apam a Yehowa mo Nyankopɔn ne mo ayɛ+ no na moankɔyɛ ohoni biara anaa biribiara a Yehowa mo Nyankopɔn abara mo no sɛso.+ 24  Na Yehowa mo Nyankopɔn te sɛ ogya a ɛhyew ade;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔne obiara nkyɛ ne som.+ 25  “Na sɛ motena asase no so kyɛ na munya mma ne mmanana, na moyɛ asobrakye+ kɔyɛ ohoni+ anaa biribi sɛso anaa abusude biara wɔ Yehowa mo Nyankopɔn ani so+ de hyɛ no abufuw a, 26  ɛnde ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefo+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wobetwa mo afi so.+ 27  Yehowa bɛbɔ mo ahwete amanaman mu,+ na mo mu kakraa bi+ na ɛbɛka wɔ aman a Yehowa bɛpam mo akɔ so no so. 28  Ɛhɔ na mobɛsom anyame+ a onipa de ne nsa ayɛ, nnua ne abo+ a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnidi na ɛnte hua biara.+ 29  “Afei sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa+ hwehwɛ Yehowa mo Nyankopɔn wɔ hɔ a,+ mubehu no. 30  Sɛ nsɛm yi nyinaa to wo daakye na wo ho kyere wo a, wobɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn+ nkyɛn abetie no.+ 31  Na Yehowa wo Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+ Ɔrennyaw wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi apam+ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no. 32  “Afei hwɛ bere a atwam,+ efi bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa too asase so,+ fi soro ano kosi soro ano, na bisa sɛ, So obi ahu adekɛse a ɛte saa anaa wate ho asɛm pɛn?+ 33  So nnipa bi ate Onyankopɔn nne wɔ ogya mu, sɛnea wotee no, a wɔda so te ase?+ 34  Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn nam sɔhwɛ,+ ne nsɛnkyerɛnne,+ ne anwonwade,+ ne ɔko,+ ne nsa a ɛyɛ den,+ ne basa a wɔateɛ mu+ ne ahude+ so ayi ɔman bi afi ɔman foforo mu de ne din ato wɔn so sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn yɛ maa mo wɔ Egypt wɔ mo anim no? 35  Nanso wo de, wama woahu sɛ ɔno ne nokware Nyankopɔn Yehowa no,+ na obiara nte sɛ ɔno.+ 36  Ɔma wotee ne nne fii soro na ɔteɛɛ wo so. Asase so nso ɔma wuhuu ne gya kɛse no, na wotee n’anom asɛm fii ogya no mfinimfini.+ 37  “Woda so te ase, efisɛ ɔdɔ w’agyanom, na ɔde ne tumi kɛse no paw wɔn asefo,+ na oyii wo fii Egypt+ a n’ani di mo akyi 38  sɛ ɔbɛpam aman a ɛsosõ na ɛyɛ den sen wo afi w’anim, na ɔde wɔn nsase ama wo sɛ agyapade sɛnea wafi ase reyɛ nnɛ no.+ 39  Wunim, na ma ɛntena wo komam nnɛ sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn wɔ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asase a ɛwɔ fam yi so.+ Obiara nni hɔ te sɛ ɔno.+ 40  Enti di n’ahyɛde+ ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo nkyirimma yiye+ daa, na wo nna aware wɔ asase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wo+ no so.” 41  Saa bere no Mose yii nkurow abiɛsa wɔ Yordan agya wɔ apuei fam+ 42  na ama obi a ne nsa bɛpa akum ne yɔnko a ɔntan no dedaw no aguan akɔ hɔ.+ Onguan nkɔ nkurow yi biako mu na wanya nkwa.+ 43  Ɔde Beser+ a ɛwɔ sare so asase tratraa so no maa Rubenfo, na ɔde Ramot+ a ɛwɔ Gilead no maa Gadfo, na ɔde Golan+ a ɛwɔ Basan no maa Manasefo.+ 44  Eyi ne mmara+ a Mose de too Israelfo no anim. 45  Eyi ne nkaesɛm+ ne ahyɛde+ ne atemmusɛm+ a Mose de maa Israelfo bere a wofii Egypt no. 46  Saa bere no na wɔwɔ Yordan mpɔtam wɔ bon no ho wɔ Bet-Peor+ anim. Ná ɛhɔ yɛ Amorifo hene Sihon a ɔte Hesbon+ no asase. Ɔno na Mose ne Israelfo kum no bere a wofi Egypt reba no.+ 47  Wɔfaa ɔne Basan hene Og+ nsase. Eyinom ne Amorifo ahene baanu a na wɔwɔ Yordan apuei fam no. 48  Asase no fi Aroer+ a ɛda Arnon bon no ano kosi Bepɔw Siyon a ɛne Hermon+ no ho, 49  ne Araba+ mantam nyinaa wɔ Yordan apuei fam kosi Araba po+ no ano wɔ Pisga+ ase.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ex 20:4 ase hɔ asɛm.