Deuteronomium 5:1-33

5  Afei Mose frɛɛ Israelfo nyinaa+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel, muntie ahyɛde ne atemmusɛm+ a mereka agu mo asom nnɛ yi. Munsua na munni ne nyinaa so.+  Yehowa yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam wɔ Horeb.+  Ɛnyɛ yɛn nananom na Yehowa ne wɔn yɛɛ apam yi, na mmom yɛn a yɛte ase nnɛ yi.  Yehowa fi ogya mu ne mo kasae anim ne anim wɔ bepɔw no so.+  Saa bere no me na na migyina Yehowa ne mo ntam.+ Na mekaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ mo, (efisɛ na musuro ogya no na moankɔ bepɔw no so,)+ na ɔkae sɛ,  “ ‘Mene Yehowa wo Nyankopɔn+ a oyii wo fii Egypt nkoafie.+  Nnya anyame foforo biara wɔ m’ani so.+  “ ‘Nyɛ ohoni biara+ anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso+ biara mfa.  Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.+ Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe ba wɔn mma ne wɔn mmanana ne wɔn nanankansowanom mpo so;+ 10  na wɔn a wɔdɔ me na wodi me mmara so de, miyi m’adɔe adi kyerɛ wɔn kosi awo ntoatoaso a ɛto so apem so.+ 11  “ ‘Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agoru,+ na Yehowa remma nea ɔde ne din di agoru no mfa ne ho nni.+ 12  “ ‘Di homeda na yɛ no kronkron sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ wo no.+ 13  Adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ ne nyinaa.+ 14  Na da a ɛto so ason no yɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara;+ wo oo, wo babarima anaa wo babea oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, wo nantwi oo, w’afurum oo, w’afieboa oo, ɔhɔho a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+ Ɛbɛma w’afenaa ne w’akoa ahome sɛ wo.+ 15  Na kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asase so+ na Yehowa wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu yii wo fii hɔ.+ Ɛno nti na Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ di homeda no.+ 16  “ ‘Di wo papa ne wo maame ni,+ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ wo no, na wo nna aware na asi wo yiye+ wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so. 17  “ ‘Nni awu.+ 18  “ ‘Nsɛe aware.+ 19  “ ‘Mmɔ korɔn.+ 20  “ ‘Nni wo yɔnko ho adansekurum.+ 21  “ ‘Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.+ Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie anaa n’asase anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwi anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.’+ 22  “Yehowa fi ogya ne omununkum kumɔnn ne sum mu de nne kɛse kaa nsɛm yi+ kyerɛɛ asafo no nyinaa wɔ bepɔw no so, na wamfa hwee anka ho. Akyiri yi ɔkyerɛw guu abopon abien so de maa me.+ 23  “Bere a bepɔw no redɛw+ na motee nne bi fii sum mu no, mobaa me nkyɛn, mo mmusua mu atitiriw ne mo mpanyimfo nyinaa. 24  Na mokae sɛ: ‘Hwɛ, Yehowa yɛn Nyankopɔn ada n’anuonyam ne ne kɛseyɛ adi akyerɛ yɛn, na yɛate ne nne wɔ ogya mu.+ Ɛnnɛ yɛahu sɛ Onyankopɔn betumi ne onipa akasa ama wakɔ so atena nkwa mu.+ 25  Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena hɔ ma ogya kɛse yi bɛhyew yɛn ma yewuwu?+ Sɛ yɛte Yehowa yɛn Nyankopɔn nne bio a, yebewuwu.+ 26  Onipa bɛn na wate Onyankopɔn teasefo no nne+ wɔ ogya mu sɛ yɛn na ɔda so te ase? 27  Enti wo mmom bɛn hɔ kotie nea Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na nea Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ wo biara, bɛbɔ yɛn amanneɛ,+ na yebetie na yɛadi so.’ 28  “Yehowa tee nea moka kyerɛɛ me no nyinaa. Enti Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mate asɛm a ɔman yi aka akyerɛ wo no. Nea wɔaka nyinaa ye.+ 29  Sɛ anka wobenya koma a ɛte saa de asuro me+ na wɔadi me mmara nyinaa so+ daa a, hwɛ sɛnea ebesi wɔne wɔn mma nyinaa yiye daa!+ 30  Kɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monkɔ mo ntamadan mu.” 31  Na wo de, gyina me nkyɛn ha na menkyerɛ wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmusɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ wɔn+ ma wɔadi so wɔ asase a mede ama wɔn sɛ wɔmfa no so.’ 32  Monhwɛ sɛ mobɛyɛ nea Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ mo nyinaa.+ Mommman nnkɔ nifa anaa benkum.+ 33  Ɔkwan a Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ momfa so no, monhwɛ sɛ mobɛfa so.+ Moyɛ saa a, mubenya nkwa na asi mo yiye+ na mo nkwa aware asase a morekɔfa no so.

Ase Hɔ Nsɛm