Deuteronomium 7:1-26

7  “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo du asase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpam aman akɛse yi afi w’anim:+ Hitifo,+ Girgasifo,+ Amorifo,+ Kanaanfo,+ Perisifo,+ Hiwifo+ ne Yebusifo.+ Aman ason yi dɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo.+  Nanso Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na woadi wɔn so nkonim.+ Sɛe wɔn pasaa.+ Wo ne wɔn nnyɛ apam biara, na nhu wɔn mmɔbɔ.+  Wo ne wɔn mu biara nnni ayeware. Mfa wo babea mma ne babarima, na nnye ne babea mma wo babarima.+  Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo;+ na Yehowa abufuw adɛw wɔ mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.+  “Mmom nea monyɛ ni: Mummubu wɔn afɔremuka+ ne wɔn abosom adum no,+ na muntwitwa+ wɔn abosonnua+ ngu, na momfa ogya nhyew wɔn ahoni.+  Wo de, woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.+  “Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sen aman a aka nyinaa nti na Yehowa pɛ mo asɛm na wahyɛ da ayi mo,+ efisɛ mo mmom na musua koraa wɔ aman nyinaa mu.+  Na esiane sɛ Yehowa dɔ mo+ na ɔpɛ sɛ odi ntam a ɔkaa mo agyanom no so+ nti na Yehowa de nsa a ɛyɛ den yii mo+ fii nkoafie,+ na ogyee mo fii Egypt hene Farao nsam no.  Wunim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛ nokware Nyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn nokwafo+ a odi n’apam so,+ na wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so no, oyi n’adɔe adi kyerɛ wɔn kosi awo ntoatoaso apem so.+ 10  Na nea ɔtan no de, ɔde n’akatua besi n’anim asɛe no ntɛm.+ Ɔrentwentwɛn ne nan ase wɔ ne ho; obetua no ka ntɛm wɔ n’anim. 11  Na ma mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmusɛm a mede rema wo nnɛ yi nna wo koma so na di so.+ 12  “Sɛ mutie atemmusɛm yi na mudi so a,+ Yehowa mo Nyankopɔn nso bedi apam+ ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+ 13  Na ɔbɛdɔ wo ahyira wo+ na woadɔɔso.+ Obehyira wo yafunum aba+ ne w’asase so aba,+ w’awi ne wo nsã foforo ne wo ngo, w’anantwi mma ne wo nguan mma+ wɔ asase a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no so.+ 14  Obehyira wo asen aman nyinaa.+ Wo mmarima ne wo mmea ne wo mmoa mu biara renyɛ obonin.+ 15  Yehowa beyi yare biara afi wo so; na ɔremfa yare bɔne a wuhui wɔ Egypt no mu biara mma wo so,+ na ɔde bɛkɔ wɔn a wɔtan wo nyinaa so. 16  Sɛe aman a Yehowa wo Nyankopɔn de bɛhyɛ wo nsa nyinaa;+ nhu wɔn mmɔbɔ,+ na nsom wɔn anyame+ efisɛ ɛbɛyɛ afiri ama wo.+ 17  “Ebia wobɛka wo komam sɛ, ‘Aman yi dɔɔso dodo ma me. Mɛyɛ dɛn atumi apam wɔn?’+ 18  Nanso nsuro wɔn,+ na kae nea Yehowa wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Egypt nyinaa.+ 19  Kae sɔhwɛ+ ne nsɛnkyerɛnne, anwonwade,+ nsa a ɛyɛ den,+ ne basa a wɔateɛ mu+ a wuhui sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nam so yii wo no.+ Saa ara na Yehowa wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wusuro wɔn no nyinaa.+ 20  Na Yehowa wo Nyankopɔn bɛma ehu+ ahyeta wɔn mu akosi sɛ wɔn a wɔaka a wɔahintaw nyinaa bewuwu.+ 21  Mma wonntu wo koma, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn pumpuni a ne ho yɛ hu.+ 22  “Yehowa wo Nyankopɔn bɛpam aman yi afi w’anim nkakrankakra.+ Ɔremma wonsɛe wɔn nyinaa prɛko, anyɛ saa a wuram mmoa bɔne bebu so abɛhaw wo. 23  Na Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na wama wɔabubu afa so akosi sɛ wɔn ase bɛtɔre.+ 24  Ɔde wɔn ahene bɛhyɛ wo nsa+ na woasɛe wɔn din afi ɔsoro ase.+ Obiara rentumi nnyina w’anim+ kosi sɛ wubegu wɔn ase.+ 25  Momfa ogya nhyew wɔn anyame ahoni no.+ Mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ anaa sika,+ na mfa+ bi na ansum wo afiri,+ efisɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyide.+ 26  Mfa akyide biara mma wo fie na wɔansɛe wo anka abusude no ho. Ma ɛnyɛ wo tan na kyi,+ efisɛ ɛyɛ abusude a wɔbɛsɛe no pasaa.+

Ase Hɔ Nsɛm