Deuteronomium 8:1-20

8  “Monhwɛ nni mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so+ na moatena nkwa mu,+ na mo ase atrɛw, na moakɔfa asase a Yehowa kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no.+  Na kae ɔkwan a Yehowa wo Nyankopɔn ma wofaa so wɔ sare so mfe aduanan+ yi nyinaa sɛnea wobɛbrɛ wo ho ase.+ Ɔsɔɔ wo hwɛe+ na wahu nea ɛwɔ wo komam,+ sɛ wubedi ne mmara so anaa worenni so.  Enti ɔmaa ɔkɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛase.+ Afei ɔmaa wo mana+ a wo ne w’agyanom biara nhuu bi da dii na woahu sɛ ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom so.+  Na mfe aduanan yi nyinaa wo ntade ansuw na wo nan ase antaataa.+  Na wunim wɔ wo komam sɛ Yehowa teɛɛ wo so sɛnea agya teɛ ne ba so.+  “Di Yehowa wo Nyankopɔn mmara so na fa n’akwan so,+ na suro no.+  Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa+ a nsubɔnten wɔ so so, asase a nsuwansuwa ne atare a efi abon+ ne mmepɔw mu sen wɔ so.  Ɛyɛ asase a awi, atoko, bobe, borɔdɔma, granate akutu,*+ ngodua, ne ɛwo+ wɔ so.  Worenni aduankɔm wɔ asase no so, na hwee renhia wo wɔ hɔ. Asase no so abo yɛ dade na wubetu kɔbere afi ne mmepɔw mu. 10  “Sɛ wudidi mee a,+ hyira+ Yehowa wo Nyankopɔn sɛ wama wo asase pa.+ 11  Hwɛ yiye na wo werɛ amfi+ Yehowa wo Nyankopɔn na woannan w’akyi ankyerɛ n’ahyɛde ne n’atemmusɛm ne ne mmara a merehyɛ wo nnɛ yi.+ 12  Anyɛ saa na wudidi mee sisi adan pa tena mu,+ 13  na wunya anantwi ne nguan ne dwetɛ ne sika ne agyapade pii a, 14  wo koma bɛhoman+ na wo werɛ afi Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt nkoafie no.+ 15  Ɔno na ɔde wo faa sare a ɛso yɛ hu so,+ sare a awɔ a wɔn ano wɔ bɔre+ ne akekantwɛre wɔ so, asase kesee a nsu nni so; na ɔmaa nsu fi abohemmaa mu ba maa wo.+ 16  Ɔno na ɔmaa wo mana+ a w’agyanom nhuu bi da dii wɔ sare so na ama woabrɛ wo ho ase;+ ɔde sɔɔ wo hwɛe na awie wo yiye.+ 17  Anhwɛ a wobɛka wɔ wo komam sɛ, ‘Me tumi ne m’ahoɔden na ama manya me ho.’+ 18  Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ eyi efisɛ ɔpɛ sɛ odi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛnea ɛte nnɛ yi.+ 19  “Na sɛ moma mo werɛ fi Yehowa mo Nyankopɔn na mukodi anyame foforo akyi na mokotow som wɔn a, ɛnde midi mo adanse nnɛ sɛ mobɛsɛe koraa.+ 20  Mobɛsɛe sɛ aman a Yehowa sɛee wɔn fii mo anim no, efisɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ex 28:33 ase hɔ asɛm.