Efesofo 3:1-21

3  Eyi nti me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani+ ma mo, amanaman mufo+​—  ampa ara moate Onyankopɔn adom ho ofiehwɛ adwuma+ a mo nti wɔde adom me no,  sɛ wɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm kronkron no,+ sɛnea madi kan akyerɛw ho asɛm kakra dedaw no.  Ɛno nti sɛ mokenkan eyi a, mubetumi ahu Kristo ahintasɛm kronkron+ no mu ntease+ a mewɔ.  Awo ntoatoaso afoforo mu no wɔamma nnipa mma anhu ahintasɛm+ yi sɛnea seesei wɔnam honhom so ayi akyerɛ+ n’asomafo ne adiyifo+ kronkron no,  sɛ ɛsɛ sɛ amanaman mufo nso fa asɛmpa no so bɛyɛ mfɛfo adedifo ne nipadua+ no ho akwaa na wɔne yɛn nyinaa anya bɔhyɛ no mu kyɛfa+ wɔ Kristo Yesu mu.  Mebɛyɛɛ eyi ho somfo+ sɛnea Onyankopɔn dom akyɛde te; nea wɔde maa me sɛnea ne tumi yɛ adwuma+ no.  Me a mewɔ fam sen nea osua koraa+ wɔ akronkronfo nyinaa mu no na wɔde adom+ yi ama me sɛ menka Kristo ahonyade+ a enni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman+ no  na memma nnipa nhu sɛnea wɔda ahintasɛm kronkron+ no adi,+ nea wɔde ahintaw fi teteete wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa+ mu no. 10  Saa kwan no so no, wɔnam asafo no so bɛma nniso ne tumi+ a ɛwowɔ ɔsoro atenae ahu+ Onyankopɔn nyansa a egu ahorow pii+ no, 11  sɛnea ne daa atirimpɔw a odii ho dwuma wɔ Kristo a ɔne yɛn Awurade Yesu mu+ no te; 12  ɔno so na yɛnam kasa nnam so, na yɛnam ne mu gyidi a yɛwɔ no so tumi kɔ Onyankopɔn anim+ ahotoso mu. 13  Enti mesrɛ sɛ mommma ahohia a mo nti merehyia yi mmmu mo abam,+ efisɛ ɛyɛ anuonyam ma mo. 14  Eyi nti mibu nkotodwe+ wɔ Agya+ 15  a ne nkyɛn na abusua+ biara a ɛwɔ soro ne asase so nya ne din+ no anim, 16  sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde n’anuonyam ahonyade+ bɛma mo mu nipa+ no ayɛ den denam ne honhom no tumi so,+ 17  na Kristo nam mo gyidi so atena mo komam aka ɔdɔ+ ho; na ama moagye ntini,+ na moatintim wɔ fapem+ no so, 18  na mo ne akronkronfo nyinaa atumi ahu+ ne tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ yiye,+ 19  na moahu Kristo dɔ+ a ɛkyɛn nimdeɛ no, na nea Onyankopɔn de ma obi di mũ nyinaa ayɛ mo mã.+ 20  Na nea otumi yɛ ade ma ɛkyɛn nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa+ sɛnea ne tumi a ɛyɛ adwuma+ yɛn mu te no, 21  ɔno na anuonyam nka no daa daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu denam asafo no ne Kristo Yesu so.+ Amen.

Ase Hɔ Nsɛm