Efesofo 4:1-32

4  Enti me a meyɛ ɔdeduani+ wɔ Awurade mu no srɛ mo sɛ monnantew sɛnea ɛfata+ ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo+ no,  ahobrɛase adwene+ ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre+ mu, na mo ne mo ho ntena ɔdɔ+ mu,  na monyere mo ho denneennen mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.+  Nipadua biako+ na ɛwɔ hɔ ne honhom biako,+ sɛnea wɔafrɛ mo anidaso biako mu+ no;  Awurade biako,+ gyidi biako,+ asubɔ biako;+  Onyankopɔn biako+ ne obiara Agya a odi obiara so na ɔfa obiara so na ɔwɔ obiara mu no.  Na wadom+ yɛn mu biara sɛnea Kristo asusuw akyɛde+ no de ama yɛn.  Enti ɔka sɛ: “Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum kɔe; ɔde nnipa mae sɛ akyɛde.”+  Sɛ ɔka sɛ ‘ɔforo kɔe’+ a, ɛkyerɛ dɛn? Ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ osian baa fam nso, kyerɛ sɛ, asase so?+ 10  Nea osianee no, ɔno ara ne nea ɔforo+ kɔɔ baabi a ɛboro ɔsoro+ nyinaa so no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ nneɛma nyinaa mã.+ 11  Na ɔde ebinom ama sɛ asomafo,+ ebinom adiyifo,+ ebinom asɛmpakafo,+ ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,+ 12  na wɔde ateɛteɛ+ akronkronfo no ama ɔsom adwuma no, na wɔde asi Kristo nipadua+ no, 13  akosi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ biako wɔ gyidi ne Onyankopɔn Ba no ho nokware nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima a wanyin awie+ adi mũ sɛnea Kristo a ɔne susude a ɛyɛ pɛ no te;+ 14  na yɛankɔ so anyɛ nkokoaa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn+ biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn di akɔneaba+ denam nnipa nnaadaa+ so, denam nnɛɛdɛe ne bradato so. 15  Mmom no momma yɛnka nokware+ mfa ɔdɔ so nnyin+ wɔ nneɛma nyinaa mu nkɔ Kristo a ɔne ti+ no mu. 16  Ne mu na nipadua+ no nyinaa akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ adwuma bom ma kwaa biara de nea ehia ma sɛnea kwaa biara dwumadi te, na ama nipadua no anyin ayɛ den wɔ ɔdɔ mu.+ 17  Enti meka eyi na midi ho adanse Awurade mu sɛ monnnantew sɛnea amanaman no nantew+ wɔn adwenhunu mu+ no bio, 18  na wɔn adwene aduru sum,+ na wɔyɛ Onyankopɔn nkwa ho ananafo,+ efisɛ wonni nimdeɛ+ na wɔn koma apirim.+ 19  Esiane sɛ wɔatoto wɔn ani awe+ nti, wɔde wɔn ho maa ahohwibra+ yɛɛ afide+ nyinaa bi anibere so.+ 20  Nanso moansua sɛ Kristo te saa,+ 21  efisɛ ampa ara, motee ne nsɛm, na wɔnam no so kyerɛkyerɛɛ mo+ sɛnea nokware+ a ɛwɔ Yesu mu no te, 22  sɛ munyi nipasu dedaw+ a ɛne mo kan abrabɔ no hyia, a ɛresɛe+ wɔ ne nnaadaa akɔnnɔ+ mu no ngu; 23  mmom no, momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu,+ 24  na monhyɛ+ nipasu foforo+ a wɔbɔɔ no+ sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee+ ne nokwaredi pintinn mu no. 25  Enti afei a moayi nkontompo+ agu yi, mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko,+ efisɛ yɛyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.+ 26  Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne;+ mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu,+ 27  na mommma Ɔbonsam kwan+ nso. 28  Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio,+ na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa,+ na ama wanya biribi a ɔde bɛma nea ahia no.+ 29  Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom,+ na mmom asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so ama atiefo.+ 30  Bio nso, monnhow Onyankopɔn honhom kronkron a wɔde asɔ mo ano+ ama da a wɔnam agyede so begye mo+ no werɛ.+ 31  Momma wonyi menasepɔw+ nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia+ mfi mo mu, ɛne adebɔne biara.+ 32  Mmom no, mo ne mo ho nni wɔ ayamye+ ne ayamhyehye+ so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.

Ase Hɔ Nsɛm