Efesofo 5:1-33

5  Enti munsuasua Onyankopɔn+ sɛ mma adɔfo,  na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu+ sɛnea Kristo nso dɔɔ mo+ na ɔde ne ho maa mo sɛ ayɛyɛde+ ne afɔre huamhuam a wɔde ma Onyankopɔn+ no.  Aguamammɔ+ ne afideyɛ biara anaa adifudepɛ+ de, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu,+ sɛnea ɛsɛ nnipa kronkron;+  sɛ́ ɛyɛ aniwude+ anaa ahuhusɛm anaa nsɛnkwaa a kasafĩ+ wom, a ɛyɛ nneɛma a ɛnsɛ no, na mmom aseda a wɔde ma.+  Efisɛ munim eyi, na mo ankasa mugye tom sɛ oguamammɔfo+ anaa nea ɔyɛ afide biara anaa odifudepɛfo+—a ɛkyerɛ ɔbosonsonni​—nni apɛgyade biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn ahenni mu.+  Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo,+ na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw reba asoɔden mma+ so.  Enti mo ne wɔn nnnya twaka;+  na kan no na moyɛ sum,+ nanso afei de moayɛ hann+ Awurade mu. Monkɔ so nnantew sɛ hann mma,  efisɛ hann aba no ne papayɛ ne trenee ne nokware+ nyinaa. 10  Monkɔ so nhwehwɛ mu nhu nea ɛsɔ Awurade ani;+ 11  na mommfa mo ho mmmɔ wɔn+ nnyɛ sum nnwuma+ a ɛnsow aba no bi, na mmom monkɔ so nyi ho ntɛn+ mpo, 12  efisɛ nneɛma a wɔyɛ no ahintawee mu no, ɛyɛ aniwu mpo sɛ wɔbɛka ho asɛm.+ 13  Na nneɛma a woyi ho ntɛn+ nyinaa, hann na ɛma no da adi, efisɛ biribiara a woyi no adi+ no yɛ hann. 14  Enti ɔka sɛ: “O wo a woada, nyan,+ na sɔre fi awufo mu,+ na Kristo no bɛhyerɛn+ wo so.” 15  Enti monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew+ no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, 16  na montɔ bere+ a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.+ 17  Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monkɔ so nhu+ Yehowa apɛde.+ 18  Afei nso, mommmow+ nsa, efisɛ ɛne ahohwisɛm na ɛnam,+ na mmom monkɔ so mma honhom nhyɛ mo mã,+ 19  na momfa nnwom+ ne ayeyi+ ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho, na monto dwom+ nnyigye ho+ mo koma mu mma Yehowa, 20  na monna Onyankopɔn ase+ daa wɔ biribiara mu, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu. 21  Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho+ wɔ Kristo suro mu. 22  Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase+ mma wɔn ankasa wɔn kununom te sɛ nea wɔreyɛ ama Awurade, 23  efisɛ okunu yɛ ne yere ti,+ sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti+ no, na ɔne nipadua yi agyenkwa. 24  Nokwarem no, sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na momma ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom wɔ biribiara mu.+ 25  Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom+ sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no,+ 26  na ɔnam asɛm+ no so de nsu ahohoro ho atew ho,+ 27  na ama ɔde asafo no asi hɔ anuonyam+ mu ama ɔno ankasa, a nkekae anaa mpomponoe anaa nea ɛte saa biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a enni dɛm+ biara. 28  Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, 29  na onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho+ sɛnea Kristo nso yɛ asafo no, 30  efisɛ yɛyɛ ne nipadua akwaa.+ 31  “Eyi nti na onipa begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam koro.”+ 32  Ahintasɛm kronkron+ yi sõ. Kristo ne asafo no ho asɛm na mereka+ yi. 33  Nanso sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere+ sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse+ mma ne kunu.

Ase Hɔ Nsɛm