Efesofo 6:1-24

6  Mma, muntie mo awofo asɛm+ Awurade mu,+ na eyi na ɛteɛ:+  “Di wo papa ne wo maame ni”;+ na ɛno ne mmara a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu:+  “Na asi wo yiye, na woatena ase akyɛ wɔ asase so.”+  Na mo, agyanom, monnhyɛ mo mma ahometew,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn+ Yehowa nteɛso+ ne nyansakyerɛ+ mu.  Nkoa, mumfi koma a emu tew mu mfa osuro ne ahopopo+ ntie mo honam fam wuranom+ asɛm, sɛnea moreyɛ ama Kristo,  ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani,+ na mmom sɛ Kristo nkoa a wofi ɔkra nyinaa mu yɛ Onyankopɔn apɛde.+  Monyɛ nkoa a wɔde adwempa som te sɛ nea wɔyɛ ma Yehowa,+ na ɛnyɛ nnipa,  na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, sɛ ɔyɛ akoa oo, ɔdehye oo,+ obenya eyi ho akatua afi Yehowa hɔ.+  Mo awuranom nso, monkɔ so nyɛ saa ara mma wɔn, na munnyae ahunahuna,+ efisɛ munim sɛ wɔne mo nyinaa Wura+ wɔ soro, na ɔnyɛ animhwɛ.+ 10  Afei, monkɔ so nyɛ den+ Awurade ne n’ahoɔden+ kɛseyɛ mu. 11  Monhyɛ Onyankopɔn akode+ nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe+ no; 12  efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na ɛredi asi,+ na mmom yɛne nniso+ ahorow, tumidi,+ wiase yi sum mu atumfoɔ,+ ne ahonhommɔne+ dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya. 13  Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode+ nyinaa, na ama moatumi adi asi da bɔne no, na bere a moayɛ nneɛma nyinaa pɛpɛɛpɛ no, moagyina hɔ pintinn.+ 14  Enti munnyina hɔ pintinn na momfa nokware+ mmɔ mo asen,+ na monhyɛ trenee nkatabo,+ 15  na momfa asomdwoe asɛmpa+ no nyɛ mo nan ase+ mpaboa. 16  Nea ɛsen ne nyinaa no, momfa gyidi+ kyɛm kɛse no a mubetumi de adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.+ 17  Afei nso munnye nkwagye dade kyɛw+ ne honhom+ no nkrante+ a ɛne Onyankopɔn asɛm+ no, 18  na momfa mpaebɔ+ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae bere biara wɔ honhom mu.+ Ne saa nti monwɛn daa na monsrɛ mma akronkronfo nyinaa, 19  ɛne me nso, na matumi abue m’ano akasa+ wɔ ahotoso mu,+ de ada asɛmpa no ho ahintasɛm kronkron no adi,+ 20  na ɛno ho ɔhemmɔfo+ na meyɛ wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu yi; sɛnea ɛbɛyɛ na matumi de akokoduru aka no sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.+ 21  Na nea ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm ahu nea ɛrekɔ so no, onua dɔfo Tihiko+ a ɔyɛ ɔsomfo nokwafo Awurade mu no bɛma moahu ne nyinaa.+ 22  Eyi ara nti na meresoma no mo nkyɛn, na moate yɛn nka na wama mo koma atɔ mo yam.+ 23  Asomdwoe nka anuanom na wonnya ɔdɔ ne gyidi a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ. 24  Adom+ nka wɔn a yɛn Awurade Yesu Kristo ho dɔ a wɔwɔ nsɛe da no nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm