Esra 1:1-11

1  Persia hene Kores+ afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kae no bɛba mu nti, Yehowa kanyan+ Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔbɔɔ dawuru+ n’ahenni nyinaa mu, na wɔkyerɛwee+ nso sɛ:  “Sɛnea Persia hene Kores se ni,+ ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no,+ de asase so ahenni nyinaa ama me,+ na ɔno na wahyɛ me sɛ minsi ofie mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda.  Enti obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi.+ Ma ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkosi Yehowa, Israel Nyankopɔn, fie a na ɛwɔ Yerusalem no.+ Ɔno ne nokware Nyankopɔn no.+  Na obiara a waka a ɔte baabiara sɛ ɔhɔho+ no, ma ɛhɔfo mfa dwetɛ ne sika ne ahode ne afieboa ne ayɛyɛde biara a wɔwɔ+ mma no na ɔmfa mmoa nokware Nyankopɔn fie adwuma wɔ Yerusalem.’”  Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom mmusua mu atitiriw+ ne asɔfo ne Lewifo, obiara a nokware Nyankopɔn kaa ne koma+ no, sɔree sɛ wɔresan akosi Yehowa fie+ a na ɛwɔ Yerusalem no.  Na wɔn a wɔte bɛn wɔn nyinaa de dwetɛ nneɛma, sika, ahode, ne afieboa ne nneɛma a ne bo yɛ den bɛboaa wɔn,+ ɛsono afɔrebɔde a wofi wɔn komam de bae+ no.  Bio nso, Ɔhene Kores de Yehowa fie+ nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem+ de koguu ne nyame fie+ no bae.  Na Persia hene Kores de hyɛɛ ɔfotosanfo Mitredat nsa ma ɔkan maa Yuda abusua mu panyin+ Sesbasar.+  Nneɛma no dodow ni: sika nkɛntɛn aduasa, dwetɛ nkɛntɛn apem, anwenne afoforo aduonu akron, 10  sika nkuruwa+ aduasa, dwetɛ nkuruwa a edi hɔ ahanan ne du, ne nneɛma a ɛkeka ho apem. 11  Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum ahanan. Eyinom ne nneɛma a Sesbasar+ de bae, bere a ɔne nnommum+ no fi Babilon resan aba Yerusalem no.

Ase Hɔ Nsɛm