Esra 10:1-44

10  Ɛbae sɛ bere a Esra butuw+ nokware Nyankopɔn fie+ anim na ɔbɔɔ mpae+ de nusu kaa wɔn bɔne+ no, Israel asafo kɛse pa ara boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, mmarima ne mmea ne mmofra, na ɔman no sui kɛse.  Ɛnna Yehiel+ ba Sekania a ofi Elam+ mma mu ka kyerɛɛ Esra sɛ: “Yɛn de, yɛato yɛn Nyankopɔn mmara sɛ yɛakɔwareware ananafo mmea a wɔwɔ asase no so+ ne wɔn abɛtena. Nanso anidaso+ wɔ hɔ ma Israel wɔ asɛm yi mu.  Enti momma yɛne Onyankopɔn nyɛ apam,+ na yɛmma mmea no ne wɔn mma a wɔawo wɔn no nkɔ+ sɛnea Yehowa ne wɔn a wɔn ho popo+ yɛn Nyankopɔn mmara+ ho no akwankyerɛ te; momma yɛnyɛ no sɛnea mmara+ no aka.  Sɔre, na asɛm yi da wo so, na yɛn nso yɛtaa w’akyi. Ma wo ho nyɛ den na yɛ ho biribi.”  Ɛnna Esra sɔree, na ɔmaa asɔfo mpanyimfo ne Lewifo mpanyimfo ne Israel mpanyimfo nyinaa kaa ntam+ sɛ wobedi asɛm yi so. Enti wɔkaa ntam.  Na Esra sɔre fii nokware Nyankopɔn fie anim kɔɔ Eliasib ba Yehohanan adidibea.+ Ɔkɔɔ hɔ de, nanso wannidi,+ na wannom nsu nso, efisɛ na ɔredi atukɔfo no mmarato no ho awerɛhow.+  Ɛnna wɔma wɔpaee mu kae wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa kyerɛɛ wɔn a wofi nkoasom mu aba+ no nyinaa sɛ wɔmmoa wɔn ano mmehyiam wɔ Yerusalem;  na obiara a wamma+ nnansa so sɛnea mpanyimfo+ ne atitiriw no akyerɛ no, wobegye n’agyapade+ nyinaa, na ɔno nso, wobeyi no afi+ atukɔfo asafo no mu.  Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano behyiaam Yerusalem ne nnansa so, ɔsram a ɛto so akron+ no da a ɛto so aduonu. Na nnipa no nyinaa tenatenaa nokware Nyankopɔn fie no adiwo baabi, na asɛm no ne osu a ɛretɔ+ nti wɔn ho popoe. 10  Ɛnna ɔsɔfo Esra sɔree, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moato mmara sɛ moakɔwareware ananafo mmea+ ne wɔn abɛtena, na moama Israel asodi ayɛ kɛse.+ 11  Enti monka mo bɔne+ nkyerɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no, na monyɛ n’apɛde+ na montew mo ho mfi asase no sofo ne ananafo mmea no ho.”+ 12  Ɛnna asafo no nyinaa de nne kɛse kae sɛ: “Nea woaka nyinaa ɛsɛ sɛ yɛyɛ.+ 13  Nanso nnipa no dɔɔso na yɛwɔ osutɔbere mu nso, enti yɛrentumi nnyina abɔnten; na eyi nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, efisɛ yɛn atuatew no sõ wɔ asɛm yi mu. 14  Enti yɛsrɛ wo, ma yɛn mpanyimfo+ nnyina asafo no nyinaa ananmu; na kurow biara mu nnipa a wɔawareware ananafo no, ma wɔmmra wɔ bere a wɔbɛhyɛ mu, wɔne kurow no mu mpanyimfo ne atemmufo no, nkosi sɛ yɛbɛma yɛn Nyankopɔn abufuhyew afi yɛn so wɔ asɛm yi ho.” 15  (Ɛnna Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yaseia sɔre gyinae+ eyi ho, na Lewifo Mesulam ne Sabetai+ boaa wɔn.) 16  Na wɔn a wofi nkoasom+ mu aba no yɛɛ saa; na ɔsɔfo Esra ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom fie mpanyimfo+ no nyinaa kogyinagyinae sɛnea wɔn din te; na ɔsram a ɛto so du+ no da a edi kan no, wɔtenaa ase fii ase hwehwɛɛ asɛm no mu.+ 17  Na nkakrankakra, wɔne mmarima a wɔawareware ananafo mmea+ no wiee asɛm no ɔsram a edi kan no da a edi kan. 18  Ná asɔfo+ mma no bi nso awareware ananafo mmea; Yehosadak+ ba Yesua+ mma ne ne nuanom mu, Maaseia ne Elieser ne Yarib ne Gedalia. 19  Na wokyiakyiaa wɔn nsam de hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛpam wɔn yerenom no, na wɔn asodi+ nti, wɔde mmoa no mu odwennini+ biako bɛbɔ afɔre wɔn asodi no ho. 20  Imer+ mma mu, Hanani ne Sebadia; 21  Harim+ mma mu, Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia; 22  Pasur+ mma mu, Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad, ne Eleasa. 23  Na Lewifo mu, Yosabad ne Simei ne Kelaia (kyerɛ sɛ, Kelita), Petahia, Yuda ne Elieser; 24  nnwontofo mu, Eliasib; apon ano ahwɛfo mu, Salum ne Telem ne Uri. 25  Na Israel mu, Paros+ mma mu, Ramia ne Yisia ne Malkiya ne Miyamin ne Eleasar ne Malkiya ne Benaia; 26  Elam+ mma mu, Matania, Sakaria, Yehiel,+ Abdi, Yeremot ne Elia; 27  Satu+ mma mu, Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa; 28  Bebai+ mma mu, Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai; 29  Bani mma mu, Mesulam, Maluk ne Adaia, Yasub ne Seal ne Yeremot; 30  Pahat-Moab+ mma mu, Adna ne Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel ne Binui ne Manase; 31  Harim+ mma mu, Elieser, Yisiya, Malkiya,+ Semaia, Simeon, 32  Benyamin, Maluk ne Semaria; 33  Hasum+ mma mu, Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei; 34  Bani mma mu, Maadai, Amram ne Uel, 35  Benaia, Bedeia, Keluhi, 36  Wania, Meremot, Eliasib, 37  Matania, Matenai ne Yaasu; 38  Binui mma mu, Simei 39  ne Selemia ne Natan ne Adaia, 40  Maknadebai, Sasai, Sarai, 41  Asarel ne Selemia, Semaria, 42  Salum, Amaria, Yosef; 43  Nebo mma mu, Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadai ne Yoel ne Benaia. 44  Eyinom nyinaa warewaree ananafo mmea,+ na wɔpam wɔn yerenom no ne wɔn mma.

Ase Hɔ Nsɛm