Esra 2:1-70

2  Nnommum+ a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔn kɔɔ nkoasom+ mu wɔ Babilon no, eyinom ne wɔn a akyiri yi wofi ɔmantam+ no mu san baa+ Yerusalem ne Yuda+ ma obiara kɔɔ ne kurom;  wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Seraia,+ Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, ne Baanah bae. Israel mmarima no dodow ni:  Paros+ mma, mpem abien ɔha aduɔson abien;  Sefatia+ mma, ahasa aduɔson abien;  Arah+ mma, ahanson aduɔson anum;  Pahat-Moab+ mma Yesua ne Yoab+ mma, mpem abien ahanwɔtwe ne dumien;  Elam+ mma, apem ahanu aduonum anan;  Satu+ mma, ahankron aduanan anum;  Sakai+ mma, ahanson aduosia; 10  Bani+ mma, ahansia aduanan abien; 11  Bebai+ mma, ahansia aduonu abiɛsa; 12  Asgad+ mma, apem ahanu aduonu abien; 13  Adonikam+ mma, ahansia aduosia asia; 14  Bigwai+ mma, mpem abien ne aduonum asia; 15  Adin+ mma, ahanan aduonum anan; 16  Hesekia aseni Ater+ mma, aduɔkron awotwe; 17  Bisai+ mma, ahasa aduonu abiɛsa; 18  Yora mma, ɔha ne dumien; 19  Hasum+ mma, ahanu aduonu abiɛsa; 20  Giba+ mma, aduɔkron anum; 21  Betlehem+ mmarima, ɔha aduonu abiɛsa; 22  Netofa+ mmarima, aduonum asia; 23  Anatot+ mmarima, ɔha aduonu awotwe; 24  Asmawet+ mmarima, aduanan abien; 25  Kiriat-Yearim+ ne Kefira ne Beerot mmarima, ahanson aduanan abiɛsa; 26  Rama+ ne Geba+ mmarima, ahansia aduonu biako; 27  Mikmas+ mmarima, ɔha aduonu abien; 28  Betel+ ne Ai+ mmarima, ahanu aduonu abiɛsa; 29  Nebo+ mmarima, aduonum abien; 30  Magbis mmarima, ɔha aduonum asia; 31  Elam+ foforo bi mma, apem ahanu aduonum anan; 32  Harim+ mma, ahasa aduonu; 33  Lod+ ne Hadid+ ne Ono+ mmarima, ahanson aduonu anum; 34  Yeriko+ mmarima, ahasa aduanan anum; 35  Senaa+ mmarima, mpem abiɛsa ahansia aduasa. 36  Asɔfo+ no ni: Yedaia+ a ofi Yesua+ fie mma, ahankron aduɔson abiɛsa; 37  Imer+ mma, apem ne aduonum abien; 38  Pasur+ mma, apem ahanu aduanan ason; 39  Harim+ mma, apem ne dunson. 40  Lewifo+ ni: Hodawia+ mma Yesua+ ne Kadmiel+ mma, aduɔson anan. 41  Nnwontofo no, Asaf+ mma, ɔha aduonu awotwe. 42  Apon ano ahwɛfo mma; Salum+ mma, Ater+ mma, Talmon+ mma, Akub+ mma, Hatita+ mma, Sobai mma, wɔn nyinaa dodow yɛ ɔha aduasa akron. 43  Netinimfo+ ni: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot+ mma, 44  Keros mma, Siaha mma, Padon+ mma, 45  Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma, 46  Hagab mma, Salmai+ mma, Hanan mma, 47  Gidel mma, Gahar+ mma, Reaia mma, 48  Resin+ mma, Nekoda mma, Gasam mma, 49  Usa mma, Pasea+ mma, Besai mma, 50  Asna mma, Meunim mma, Nefusim+ mma; 51  Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur+ mma, 52  Baslut mma, Mehida mma, Harsa+ mma, 53  Barkos mma, Sisera mma, Temah+ mma, 54  Nesia mma, Hatifa+ mma. 55  Solomon+ nkoa no mma ni: Sotai mma, Soferet mma, Peruda+ mma, 56  Yaala mma, Darkon mma, Gidel+ mma, 57  Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, Ami+ mma. 58  Netinimfo+ ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodow yɛ ahasa aduɔkron abien.+ 59  Eyinom nso ne wɔn a wofi Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san bae a wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wofi mu,+ sɛ wɔyɛ Israelfo anaa wɔnyɛ bi no: 60  Delaia mma, Tobia mma, Nekoda+ mma, ahansia aduonum abien. 61  Wɔn mu asɔfo+ mma ni: Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai+ mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mmabea no biako na wɔde wɔn din too no no. 62  Eyinom ne wɔn a wɔhwehwɛɛ kyerɛwtohɔ mu de hwehwɛɛ mmusua a wofi mu nanso wɔanhu no. Ɛno nti wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew na wɔamma wɔanni asɔfo.+ 63  Eyi nti amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrentumi nni+ akronkronne mu ade kronkron no bi kosi sɛ ɔsɔfo de Urim+ ne Tumim* begyina hɔ. 64  Nnipadɔm+ no nyinaa dodow si mpem aduanan abien ahasa aduosia,+ 65  wɔn nkoa ne wɔn mfenaa nka ho; wɔn nso dodow yɛ mpemnson ahasa aduasa ason; afei nso na wɔwɔ mmarima nnwontofo+ ne mmea nnwontofo, ahanu. 66  Ná wɔn apɔnkɔ si ahanson aduasa asia; wɔn mfurumpɔnkɔ, ahanu aduanan anum;+ 67  wɔn yoma, ahanan aduasa anum; wɔn mfurum, mpemnsia ahanson aduonu.+ 68  Bere a agyanom mmusua+ mu atitiriw+ beduu Yehowa fie+ a na ɛwɔ Yerusalem+ no, wɔn mu binom fi wɔn pɛ mu+ de afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa mma nokware Nyankopɔn fie no so nsi ne sibea.+ 69  Wɔde sika+ drakma mpem aduosia biako, ne dwetɛ+ mmɛnnaa mpem anum, ne asɔfotade+ ɔha bae sɛnea wobetumi, sɛ wɔmfa mmoa adwuma no. 70  Na asɔfo ne Lewifo no ne nnipa+ no mu binom ne nnwontofo no ne apon ano ahwɛfo ne Netinimfo no bɛtenatenaa wɔn nkurow mu, na Israelfo no nyinaa tenatenaa wɔn nkurow+ mu.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.
Hwɛ Ex 28:30 ase hɔ asɛm, “Tumim.”