Esra 3:1-13

3  Ɔsram a ɛto so ason+ no dui no, na Israel mma akɔtenatena wɔn nkurow mu. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano sɛ nipa biako+ baa Yerusalem.+  Na Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfo no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔree. Wɔkɔe sɛ wɔrekosi afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so ama Israel Nyankopɔn sɛnea wɔakyerɛw+ wɔ nokware Nyankopɔn nipa Mose mmara mu no.  Na wosii afɔremuka no sii ne sibea+ efisɛ na wosuro nkurɔfo a wɔtete nsase no so+ no, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre wɔ so daa maa Yehowa, anɔpa ne anwummere ɔhyew afɔre.+  Ɛnna wodii asese afahyɛ+ no sɛnea wɔakyerɛw+ no, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre daa, dodow a mmara no kyerɛ sɛ wɔmmɔ no da biara no.+  Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyew afɔre+ ne asram foforo+ de ne Yehowa afahyɛ kronkron+ no de, na wɔbɔɔ bi nso maa obiara a ofi ne pɛ mu de+ ayɛyɛde brɛɛ Yehowa.  Ɔsram a ɛto so ason+ no da a edi kan no, wofii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa bere a na wonnya ntoo Yehowa asɔrefie no fapem no.  Na wɔde sika+ maa abopaefo+ ne adwumfo,+ na wɔde nnuan+ ne anonne ne ngo+ maa Sidonfo+ ne Tirofo+ sɛ wɔnkɔfa nkyeneduru mfi Lebanon+ mmegu Yopa+ mpoano mma wɔn sɛnea Persia hene Kores+ ama wɔn kwan no.  Na bere a wɔbaa nokware Nyankopɔn fie wɔ Yerusalem no, n’afe a ɛto so abien no mu ɔsram a ɛto so abien+ no, Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ ne wɔn nuanom a wɔaka, asɔfo ne Lewifo ne wɔn a wofi nkoasom+ mu baa Yerusalem no nyinaa fii adwuma no ase; na wɔde Lewifo+ a wɔadi mfe aduonu rekɔ no sisii Yehowa fie adwuma+ no so.  Na Yesua+ ne ne mma ne ne nuanom, ne Kadmiel ne ne mma, Yuda mma no, gyinae sɛ kuw biako hwɛɛ nokware Nyankopɔn fie adwumayɛfo so; ná Henadad+ mma ne wɔn nso mma ne wɔn nuanom, Lewifo no, ka wɔn ho. 10  Bere a adansifo no too Yehowa asɔrefie no fapem+ wiei no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade+ kurakura ntorobɛnto+ ne Lewifo, Asaf+ mma, a wokurakura nnawuta+ no sɔree sɛ wɔrebeyi Yehowa ayɛ sɛnea na Israel hene Dawid akyerɛ+ no. 11  Woyii+ Yehowa ayɛ, daa no ase, na wogyee so sɛ “oye+ na n’adɔe wɔ hɔ daa,+ Israel so.” Na ɔman no nyinaa nso de osebɔ+ kɛse yii Yehowa ayɛ, Yehowa fie no fapem a wɔato nti. 12  Na asɔfo+ ne Lewifo ne wɔn agyanom abusuafie+ mu atitiriw no mu pii a wɔanyinyin a wohuu kan fie+ no momaa wɔn nne so sui+ bere a wɔtoo ofie yi fapem+ wɔn anim no, na nnipa pii nso momaa wɔn nne so bɔɔ ose.+ 13  Ɛno nti ɔman no anhu osebɔ+ gyegyeegye ne osu gyegyeegye no mu nsonsonoe, efisɛ na ɔman no reyɛ dede kɛse, na wɔtee wɔ akyirikyiri.

Ase Hɔ Nsɛm