Esra 4:1-24

4  Bere a Yuda ne Benyamin atamfo+ tee sɛ atukɔfo+ mma no resi asɔrefie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no,  ntɛm ara na wɔkɔɔ Serubabel+ ne agyanom mmusua mu atitiriw+ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛne mo nsi dan no,+ efisɛ yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn akyi kwan te sɛ mo ara,+ na efi Asiria hene Esar-Haddon+ a ɔde yɛn baa ha+ no bere so na yɛabɔ afɔre ama no.”  Nanso Serubabel ne Yesua+ ne Israel agyanom mmusua mu atitiriw+ nkae no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresi no mu,+ yɛn nkutoo besi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores+ ahyɛ yɛn no.”  Ɛnna asase no sofo maa Yudafo no nsam gowee+ na wotuu wɔn koma wɔ adansi+ no ho daa,  na wɔbɔɔ afotufo paa+ ma wɔsɛee wɔn agyinatu wɔ Persia hene Kores nna nyinaa mu de kosii Persia hene Dario+ bere so.  Na Ahasweros ahenni mu no, wɔkyerɛw krataa de bɔɔ wɔn a wɔtete Yuda ne Yerusalem sobo+ wɔ n’ahenni no mfiase.  Na Artasasta bere so nso, Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfo kyerɛw krataa kɔmaa Persia hene Artasasta; wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Aram+ kasa mu, ɛnna wɔde Aram nkyerɛwde kyerɛwee.  Ɔhene soafo panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai kyerɛw krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta de tiaa Yerusalemfo.  Wɔn a wɔka ho ni: Ɔhene soafo panyin Rehum+ ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo nkae no ne atemmufo ne amansin asoafo a wɔwɔ asubɔnten kɛse+ no agya, akyerɛwfo,+ wɔn a wofi Erek,+ Babilonia,+ Susa,+ kyerɛ sɛ, Elamfo,+ 10  ne aman a aka+ a onuonyamfo kɛse Asenapar+ faa wɔn nnommum de wɔn kɔtenaa Samaria nkurow+ mu ne wɔn a wɔaka a wɔwɔ asubɔnten kɛse no agya no, ——; afei 11  krataa no mu nsɛm ni: “De kɔma Ɔhene Artasasta;+ efi wo nkoa a wɔwɔ asubɔnten kɛse no agya no hɔ: 12  Ma ɔhene nhu sɛ Yudafo a wofi wo nkyɛn baa ha no aba Yerusalem, na wɔresi atuatewfo kurow bɔne no; wɔreto afasu+ no na wɔresan ato fapem no. 13  Enti ma ɔhene nhu sɛ, sɛ wɔsan kyekye kurow yi na wosi n’afasu no wie a, wɔrentua tow+ anaa amanne+ anaa akwan so tow biara, na ahene no rennya hwee wɔ wɔn akorade+ mu. 14  Na esiane sɛ w’ahemfie na yedi nkyene nti, yɛrentumi nhwɛ mma nea ɛsɛ ɔhene mmɔ no, enti na yɛasoma sɛ wɔmma ɔhene nhu, 15  na ma wɔnhwehwɛ w’agyanom kyerɛwtohɔ+ mu, na wubehu wɔ kyerɛwtohɔ no mu sɛ saa kurow no yɛ atuatewfo kurow a wɔma ahene ne amantam hwere ade, na efi tete na emu nnipa apiapia nkurɔfo ama wɔatew atua. Ɛno nti na wɔsɛee kurow no pasaa no.+ 16  Enti yɛrema ɔhene ahu sɛ, sɛ wɔsan kyekye saa kurow no na wowie n’afasu no a, ɛremma wunnya kyɛfa biara wɔ asubɔnten kɛse yi agya ha.”+ 17  Ɔhene no soma ma wɔde mmuae brɛɛ ɔhene soafo panyin Rehum+ ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo+ nkae a wɔtete Samaria ne wɔn a wɔaka a wɔtete asubɔnten kɛse no agya no sɛ: “Asomdwoe nka mo!+ 18  Krataa a mode brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no fann wɔ m’anim. 19  Me nso mahyɛ ma wɔahwehwɛ mu,+ na wɔahu sɛ efi tete na kurow no ne ahene adi asi, na ɔsɔretia ne atuatew akɔ so wɔ hɔ.+ 20  Ahene akɛse+ na wodii Yerusalem so, na wodii wɔn a wɔtete asubɔnten kɛse+ no agya nyinaa nso so; wotuaa tow ne amanne ne akwan so tow maa wɔn.+ 21  Enti monhyɛ mma saa mmarima no nnyae adwuma no; wɔnnkyekye kurow no kosi sɛ mede ahyɛde bɛma. 22  Na monhwɛ yiye na moantoto ahyɛde yi ase na ahene anhwere ade kɛse.”+ 23  Bere a wɔkenkanee Ɔhene Artasasta krataa no wɔ Rehum+ ne ɔkyerɛwfo Simsai+ ne wɔn mfɛfo+ anim no, ntɛm ara na wɔkɔɔ Yudafo no nkyɛn wɔ Yerusalem kɔhyɛɛ wɔn ma wogyaee adwuma no.+ 24  Saa bere no na wogyaee Onyankopɔn fie no ho adwuma a na wɔreyɛ wɔ Yerusalem no; wogyaee kosii Persia hene Dario+ afe a ɛto so abien so.

Ase Hɔ Nsɛm