Esra 5:1-17

5  Na odiyifo Hagai+ ne Ido+ banana odiyifo Sakaria+ hyɛɛ nkɔm maa Yudafo a na wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no wɔ Israel Nyankopɔn a na ɔka wɔn ho+ no din+ mu.  Saa bere no mu na Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifo+ ka wɔn ho, na wɔboaa wɔn.  Ɛnna asubɔnten kɛse+ no agya amrado Tatenai+ ne Setar-Bosenai ne wɔn mfɛfo baa wɔn nkyɛn bebisaa wɔn sɛ: “Hena na ɔhyɛɛ mmara sɛ munsi ofie yi, a mode nnua agyina ɔdan yi?”+  Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyerɛ yɛn mmarima a wɔresi ɔdan yi din.”  Onyankopɔn ani+ kuu Yuda mpanyimfo no ho,+ na nkurɔfo no ansiw wɔn kwan na mmom wɔtwɛn kosii sɛ wɔbɛbɔ Dario amanneɛ ma wakyerɛw krataa abɛma wɔn mmuae.  Krataa a asubɔnten kɛse+ no agya amrado Tatenai+ ne Setar-Bosenai+ ne ne mfɛfo,+ amansin asoafo a wɔwɔ asuogya hɔ, de kɔmaa Ɔhene Dario no mu nsɛm ni;+  wɔde krataa no somae, na emu nsɛm ni: “Wɔde kɔma Ɔhene Dario: “Asomdwoe+ nka wo!  Ma ɔhene nhu sɛ, yesiim kɔɔ Onyankopɔn kɛse+ no fie a ɛwɔ Yuda mantam+ mu no; yɛkɔtoe sɛ wɔde abo akɛse a ɛdeda so resi na wɔde nnua rehyehyɛ afasu no mu; wɔde ahoɔden reyɛ adwuma no na ɛrenya nkɔso wɔ wɔn nsam.  Ɛnna yebisaa mpanyimfo no, na asɛm a yebisaa wɔn ni: ‘Hena na ɔhyɛɛ mmara sɛ munsi ofie yi, a mode nnua agyina ɔdan yi?’+ 10  Na yebisaa mmarima a wodi wɔn anim+ no din, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akyerɛw abrɛ wo ma woahu. 11  “Mmuae a wɔde maa yɛn ne sɛ: ‘Ɔsoro ne asase Nyankopɔn+ nkoa ne yɛn, na ofie a Israel hene kɛse bi si wiei+ mfe pii ni no na yɛresan asi bio. 12  Esiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no abufuw+ nti, ɔde wɔn hyɛɛ+ Babilon hene Nebukadnesar,+ Kaldeani+ no nsa, na odwiriw ofie yi gui,+ na ɔde ɔman no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+ 13  Nanso Babilon hene Kores afe a edi+ kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie+ yi. 14  Afei nso Onyankopɔn fie sika ne dwetɛ nneɛma+ a Nebukadnesar sesaw fii asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon asɔredan+ mu no, Ɔhene Kores+ yiyi fii Babilon asɔredan no mu de maa nea wɔfrɛ no Sesbasar+ a ɔyɛɛ no amrado+ no. 15  Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nneɛma+ yi kɔ, na fa kogu asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wonsi Onyankopɔn fie no nsi ne sibea.”+ 16  Sesbasar bae no, ɔbɛtoo Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no fapem;+ na efi saa bere no wogu so resi a wonwiei.’+ 17  “Afei sɛ eye wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ+ akorade a ɛwɔ ɔhene fie wɔ Babilon no mu nhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Ɔhene Kores hyɛɛ mmara+ sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie no wɔ Yerusalem anaa; ma ɔhene nsoma mmɛka nea wayɛ n’adwene wɔ asɛm yi ho nkyerɛ yɛn.”

Ase Hɔ Nsɛm