Esra 6:1-22

6  Ɛnna Ɔhene Dario hyɛe sɛ wɔnkɔhwehwɛ ɔdan a wɔde kyerɛwtohɔ+ ne akorade sie mu wɔ Babilon no mu.  Na wokohuu nhoma mmobɔwee bi wɔ Ekbatana, baabi a wɔabɔ ho ban wɔ Media mantam+ mu; asɛm a na wɔakyerɛw wom ni:  “Ɔhene Kores afe a edi kan+ mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho sɛ: ‘Wonsi ofie no mma ɛnyɛ afɔrebɔbea+ na wɔnto ne fapem. Ne tenten nyɛ basafa aduosia na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduosia,+  wɔmfa abo akɛse a ɛdeda so+ abiɛsa abiɛsa ne nnua+ a ɛdeda so mmiako mmiako nyɛ; ɛho sika nyinaa, wonnye mfi ɔhene fie.+  Onyankopɔn fie sika ne dwetɛ nneɛma+ a Nebukadnesar+ sesaw fii asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon no nso, wonyiyi na wɔnsan mfa nkɔ Yerusalem asɔrefie nkogu faako a egu wɔ Onyankopɔn fie hɔ.’+  “Enti asubɔnten kɛse+ no agya amrado Tatenai+ ne Setar-Bosenai+ ne mo mfɛfo, amansin asoafo+ a mowɔ asuogya hɔ no, montwe mo ho mfi hɔ koraa.+  Mommfa mo asɛm nnkɔ Onyankopɔn fie adwuma no so.+ Yuda amrado ne Yuda mpanyimfo no besi Onyankopɔn fie no asi ne sibea.  Merehyɛ mmara+ akyerɛ mo nea momfa mma Yuda mpanyimfo no mfa nsi Nyankopɔn fie no bio; tow a wogyigye wɔ asubɔnten kɛse no agya ma ɔhene+ no, wɔmfa bi mma+ mmarima no ntɛm mma wɔmfa nsi dan no; wɔmfa mma wɔn daa.+  Na nneɛma a wohia nyinaa, anantwi mma+ ne adwennini+ ne nguammaa+ a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ama ɔsoro Nyankopɔn, ne awi+ ne nkyene+ ne bobesa+ ne ngo;+ nea asɔfo a wɔwɔ Yerusalem bɛka no, wɔmfa mma wɔn daa, wɔnntoto no ase; 10  ɛno bɛma daa+ wɔatumi abɔ afɔre+ huamhuam ama ɔsoro Nyankopɔn na wɔabɔ ɔhene ne ne mma+ nkwa nso ho mpae. 11  Mahyɛ nso sɛ obiara a obebu mmara yi so+ no, wonyi ne dan so dua+ nsɛn+ no wɔ so, na wɔmfa ne fie nyɛ agyananbea.+ 12  Na ɔhene anaa ɔman biara a obebu mmara yi so na wateɛ ne nsa asɛe+ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, Onyankopɔn a wama ne din+ atena hɔ no mmutuw no. Me Dario na mahyɛ mmara yi. Ma wɔnyɛ no ntɛm.” 13  Ɛnna asubɔnten kɛse+ no agya amrado Tatenai ne Setar-Bosenai+ ne wɔn mfɛfo no yɛɛ nea Ɔhene Dario soma bɛkae no ntɛm. 14  Na Yuda mpanyimfo+ no sii ofie+ no na enyaa nkɔso wɔ Hagai+ ne Ido+ nena odiyifo Sakaria+ nkɔmhyɛ so, na wosi wiei sɛnea Israel Nyankopɔn ahyɛde+ ne Kores+ ne Dario+ ne Persia hene Artasasta+ ahyɛde te no. 15  Na wosii ofie yi wiei ɔsram Adar+ da a ɛto so abiɛsa, Ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so asia mu. 16  Ɛnna Israel mma, asɔfo ne Lewifo+ ne atukɔfo+ nkae no de anigye hyiraa Onyankopɔn fie no so.+ 17  Na wɔde anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nguammaa ahanan bae sɛ wɔmfa nhyira Onyankopɔn fie no so, ne mmirekyi dumien a wɔde bɛbɔ bɔne afɔre ama Israel nyinaa sɛnea Israel mmusuakuw no dodow te.+ 18  Na wɔde asɔfo no sisii wɔn sibea,+ na wɔde Lewifo no nso tuatuaa wɔn nnwuma ano maa Onyankopɔn som wɔ Yerusalem sɛnea wɔakyerɛ wɔ Mose nhoma no mu+ no. 19  Atukɔfo no dii twam+ no ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan.+ 20  Asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho+ sɛ nipa biako ma wɔn nyinaa ho tewee, enti wokum twam guan+ no maa atukɔfo a wɔasan aba no ne wɔn nuanom asɔfo no ne wɔn ankasa ho. 21  Na Israel atukɔfo a wɔasan aba, ne obiara a watew ne ho afi asase no so amanaman no afide ho+ aba wɔn nkyɛn abɛhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ no didii.+ 22  Na wɔde anigye dii paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ+ no nnanson; Yehowa maa wɔn ani gyei, na ɔmaa Asiria hene koma baa wɔn so,+ na ɔhyɛɛ wɔn nsam den wɔ nokware Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn fie adwuma no ho.

Ase Hɔ Nsɛm