Esra 7:1-28

7  Nsɛm yi akyi, Persia hene Artasasta+ ahenni mu no, Esra,+ Seraia+ ba, Asaria ba, Hilkia+ ba,  Salum+ ba, Sadok ba, Ahitab+ ba,  Amaria+ ba, Asaria+ ba, Meraiot+ ba,  Serahia+ ba, Usi+ ba, Buki+ ba,  Abisua+ ba, Finehas+ ba, Eleasar+ ba, ɔsɔfo panyin+ Aaron+ ba​—  Esra yi fii Babilon kɔe; ná ɔyɛ ɔkyerɛwfo+ a ne ho akokwaw wɔ Mose mmara+ a Yehowa, Israel Nyankopɔn, de mae no mu na ɔhwɛ so kyerɛw bi, na ɔhene no maa no n’abisade nyinaa, efisɛ na Yehowa, ne Nyankopɔn, nsa wɔ no so.+  Na Israel mma ne asɔfo+ ne Lewifo+ ne nnwontofo+ ne apon ano ahwɛfo+ ne Netinimfo+ no mu bi nso kɔɔ Yerusalem wɔ Ɔhene Artasasta+ afe a ɛto so ason mu.  Oduu Yerusalem ɔsram a ɛto so anum, ɔhene no afe a ɛto so ason mu.  Na ɔsram a edi kan no da a edi kan no, osiim fii Babilon, na ɔsram a ɛto so anum no da a edi kan no, okoduu Yerusalem efisɛ na ne Nyankopɔn papayɛ nsa wɔ no so.+ 10  Ná Esra asiesie+ ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa mmara+ na wadi so,+ na wakyerɛkyerɛ+ ahyɛde+ ne atɛntrenee+ wɔ Israel. 11  Krataa a Ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo+ a ɔhwɛ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde maa Israel no so kyerɛw bi, no mu nsɛm ni: 12  “Artasasta,+ ahene mu hene+ no, de kɔma ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn+ no mmara kyerɛwfo: Asomdwoe nka wo.+ Afei tie, 13  mahyɛ mmara+ sɛ m’ahenni+ mu onipa biara a ɔyɛ Israelni ne wɔn asɔfo ne Lewifo a wɔpɛ sɛ wɔne wo kɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.+ 14  Ɔhene ne n’agyinatufo baason+ no de ahyɛde ama sɛ kɔhwehwɛ+ Yuda ne Yerusalem mu sɛnea wo Nyankopɔn+ mmara+ a ɛwɔ wo nsam no kyerɛ. 15  Fa dwetɛ ne sika a ɔhene ne n’agyinatufo ayi wɔn yam de ama+ no kɔma Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem+ no, 16  na fa dwetɛ ne sika a wubenya wɔ Babilon mantam no nyinaa mu ne akyɛde a ɔman no+ ne asɔfo beyi wɔn yam de ama wɔn Nyankopɔn fie+ a ɛwɔ Yerusalem no kɔ. 17  Yɛ ntɛm fa saa sika no tɔ anantwinini,+ adwennini,+ nguammaa+ ne wɔn ho aduan afɔre+ ne afɔrebɔ nsa,+ na fa kɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie+ wɔ Yerusalem+ no so. 18  “Ade biara a eye wɔ wo ne wo nuanom ani so sɛ mode dwetɛ ne sika+ nkae no bɛyɛ no, sɛnea mo Nyankopɔn pɛ+ no, monyɛ.+ 19  Na anwenne+ a wɔde ahyɛ wo nsa ama wo Nyankopɔn fie som no, fa ne nyinaa kɔ Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem.+ 20  Nneɛma a aka a ebehia wɔ wo Nyankopɔn fie a ɛsɛ sɛ wode kɔ no, yi fi ɔhene fie akorade+ mu. 21  “Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ mmara+ sɛ afotosanfo+ a mowɔ asubɔnten kɛse+ no agya nyinaa, ade biara a ɔsɔfo Esra,+ ɔsoro Nyankopɔn no mmara kyerɛwfo, bebisa no, monyɛ no ntɛm; 22  sɛ ne dodow kosi dwetɛ dwetikɛse+ ɔha, awi kor+ ɔha, bobesa+ bat susuhina+ ɔha, ngo+ bat susuhina ɔha, ne nkyene+ a enni ano mpo a, momfa mma no. 23  Nea ɔsoro Nyankopɔn ahyɛ+ nyinaa, momfa ahokeka+ nyɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fie,+ na abufuw amma ɔhene ne ne mma ahenni so.+ 24  Na yɛrema moahu sɛ asɔfo+ ne Lewifo,+ nnwontofo,+ apon ano ahwɛfo,+ Netinimfo,+ ne Onyankopɔn fie yi adwumayɛfo nyinaa, munni ho kwan sɛ mugye wɔn hɔ tow, amanne,+ anaa akwan so tow+ biara. 25  “Na wo Esra, sɛnea wo Nyankopɔn nyansa+ wɔ wo nsam no, paw asɛnnifo ne atemmufo na wommu nkurɔfo a wɔwɔ asubɔnten kɛse no agya nyinaa atɛn,+ wɔn a wonim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na obiara a onnim nso, monkyerɛkyerɛ+ no. 26  Na obiara a ɔrenhwɛ nni wo Nyankopɔn mmara+ ne ɔhene mmara so no, ɔfata sɛ owu+ oo, ɔfata sɛ wotwa no asu+ oo, ɔfata sɛ wɔbɔ no ka+ oo, ɔfata sɛ ɔda afiase oo, mummu no atɛn ntɛm.” 27  Nhyira nka Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn+ a ɔde asɛm yi ahyɛ ɔhene komam+ sɛ wonsiesie+ Yehowa fie a ɛwɔ Yerusalem no! 28  Na wayi adɔe+ adi akyerɛ me wɔ ɔhene ne n’agyinatufo,+ ne ɔhene mpanyimfo nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn, nsa+ a ɛwɔ me so nti, minyaa ahoɔden, na meboaa Israel atitiriw ano sɛ wɔne me nkɔ.

Ase Hɔ Nsɛm