Esra 8:1-36

8  Agyanom mmusua mu atitiriw+ ne mmusua mmusua+ a wɔkyerɛw wɔn din no, wɔn a wɔne me fii Babilon kɔe, Ɔhene Artasasta+ ahenni mu no din ni:  Finehas+ mma mu, Gersom; Itamar+ mma mu, Daniel;+ Dawid+ mma mu, Hatus;  Sekania mma mu, Paros+ mma mu, Sakaria, na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho;  Pahat-Moab+ mma mu, Serahia ba Elieho-Enai, na mmarima ahanu ka ne ho;  Satu+ mma mu, Yahasiel ba Sekania, na mmarima ahasa ka ne ho;  Adin+ mma mu, Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho;  Elam+ mma mu, Atalia ba Yesia, na mmarima aduɔson ka ne ho;  Sefatia+ mma mu, Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho;  Yoab mma mu, Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu ne dunwɔtwe ka ne ho; 10  Bani+ mma mu, Yosifia ba Selomit, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho; 11  Bebai mma mu, Bebai+ ba Sakaria, na mmarima aduonu awotwe ka ne ho; 12  Asgad+ mma mu, Hakatan ba Yohanan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho; 13  Adonikam+ mma mu, wɔn a wotwa to din ni: Elifelet ne Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho; 14  Bigwai+ mma mu, Utai ne Sabbud, na mmarima aduɔson ka wɔn ho. 15  Na meboaa wɔn ano wɔ asu+ a ɛsen ba Ahawa+ no ho; na yɛtenaa hɔ nnansa sɛ merehwehwɛ nkurɔfo+ no ne asɔfo+ no mu, nanso manhu Lewifo+ no mu biara wɔ hɔ. 16  Enti mesomae sɛ wɔnkɔfrɛ Elieser, Ariel, Semaia, ne Elnatan ne Yarib ne Elnatan ne Natan ne Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ atitiriw, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo no mmra.+ 17  Ɛnna mehyɛe sɛ wɔnkɔ Ido nkyɛn, otitiriw a ɔwɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Kasifia, na mede nsɛm hyɛɛ wɔn anom+ sɛ wɔnka nkyerɛ Ido ne ne nuanom Netinimfo+ a wɔwɔ Kasifia no, sɛ wɔmfa asomfo+ a wɔbɛsom wɔ yɛn Nyankopɔn fie mmrɛ yɛn. 18  Yɛn Nyankopɔn papayɛ nsa+ a ɛwɔ yɛn so nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima nyansafo+ bi a ofi Israel ba Lewi+ nena Mahli+ mma mu a wɔfrɛ no Serebia,+ ɔne ne mma ne ne nuanom, nnipa dunwɔtwe; 19  ne Hasabia ne Yesia a ofi Merari+ mma mu ne ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu. 20  Na Netinimfo a Dawid ne akunini no de wɔn maa Lewifo som no, wɔyɛ Netinimfo ahanu aduonu; wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. 21  Ɛnna mekae sɛ yenni mmuada wɔ Ahawa asu ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase+ yɛn Nyankopɔn anim, na yemmisa no ɔkwan pa+ a yɛde yɛn mma nkumaa+ ne yɛn nneɛma bɛfa so. 22  Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mebisa asraafodɔm+ ne apɔnkɔsotefo+ afi ɔhene no hɔ ma wɔabɔ yɛn ho ban afi atamfo nsam wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene sɛ: “Yɛn Nyankopɔn nsa+ wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so sɛ obedi ama wɔn,+ na ne tumi ne n’abufuw+ wɔ wɔn a wɔpo+ no so.” 23  Enti yedii mmuada+ srɛɛ+ yɛn Nyankopɔn wɔ asɛm yi ho, na otiee+ yɛn. 24  Afei miyii asɔfo mpanyimfo no mu dumien, Serebia+ ne Hasabia+ ne wɔn nuanom du a wɔka wɔn ho. 25  Na mekarii dwetɛ ne sika ne anwenne+ no, yɛn Nyankopɔn fie nneɛma a ɔhene+ ne n’agyinatufo+ ne ne mpanyimfo ne Israelfo+ a wɔwɔ hɔ nyinaa de bɛboae no de hyɛɛ wɔn nsa. 26  Nneɛma a mekari guu wɔn nsam no yɛ dwetɛ dwetikɛse+ ahansia aduonum, ne dwetɛ anwenne ɔha a ano si dwetikɛse abien, ne sika dwetikɛse ɔha, 27  ne sika nkuruwa aduonu a ano si darik apem, ne kɔbere papa anwenne abien hyɛnn a ne bo yɛ den sɛ sika. 28  Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ kronkron+ ma Yehowa, na anwenne+ no nso yɛ akronkronne, na dwetɛ ne sika no yɛ ayɛyɛde ma Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn. 29  Monwɛn na momma mo ani nna hɔ nkosi sɛ mobɛkari+ wɔ asɔfo mpanyimfo ne Lewifo ne Israel agyanom mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no anim, Yehowa fie adidibea+ hɔ.” 30  Ɛnna asɔfo ne Lewifo no gyee dwetɛ ne sika ne anwenne a wɔkari maa wɔn sɛ wɔmfa nkɔ yɛn Nyankopɔn fie+ wɔ Yerusalem no. 31  Na ɔsram a edi kan+ no da a ɛto so dumien no, yetu fii Ahawa+ asu no ho de yɛn ani kyerɛɛ Yerusalem, na yɛn Nyankopɔn nsa a ɛwɔ yɛn so nti, ogyee+ yɛn fii atamfo ne wɔn a wɔtɛw ɔkwan mu no nsam. 32  Na yekoduu Yerusalem,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. 33  Da a ɛto so anan no, yɛkarii dwetɛ ne sika+ ne anwenne+ no wɔ yɛn Nyankopɔn fie de hyɛɛ Uriya ba ɔsɔfo Meremot+ ne Finehas ba Eleasar a ɔka ne ho no nsa, na na Lewifo Yesua ba Yosabad+ ne Binui+ ba Noadia ka wɔn ho; 34  wɔhwɛɛ ne nyinaa dodow ne emu duru, na wɔkyerɛw ne nyinaa mu duru too hɔ saa bere no. 35  Atukɔfo+ a wofi nkoasom mu aba no de ɔhyew afɔre+ brɛɛ Israel Nyankopɔn, Israelfo nyinaa din mu: anantwinini+ dumien; adwennini+ aduɔkron asia; nguammaa anini, aduɔson ason; bɔne ho afɔre, mpapo+ dumien; wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa. 36  Ɛnna yɛde ɔhene no mmara+ maa ɔhene amantam asoafo+ ne amradofo+ a wɔwɔ asubɔnten kɛse+ no agya no, na wɔboaa ɔman+ no ne nokware Nyankopɔn fie no.

Ase Hɔ Nsɛm