Esra 9:1-15

9  Wowiee eyinom ara pɛ, mpanyimfo+ no baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Israelfo ne asɔfo ne Lewifo no ntew wɔn ho+ mfii nsase no so aman no abofonode+ ho: Aman no ne Kanaanfo,+ Hitifo,+ Perisifo,+ Yebusifo,+ Ammonfo,+ Moabfo,+ Egyptfo,+ ne Amorifo.+  Wɔawareware wɔn mmabea, na wɔawareware bi nso ama wɔn mmabarima,+ na asefo kronkron+ no nso, wɔde wɔn ho akɔfra+ nsase no so nnipa mu, na wɔn mu mpanyimfo ne asoafo no na wodi mmarato yi mu kan.”+  Metee asɛm yi ara pɛ, misunsuanee m’atade ne me nguguso mu;+ mitutuu me ti nhwi+ ne me bogyesɛ, na mede ahodwiriw+ tenaa ase.  Israel Nyankopɔn asɛm a waka atia atukɔfo a wofi nkoasom mu aba no mmarato nti, wɔn nyinaa de ahopopo+ boaboaa wɔn ano baa me nkyɛn, na me de, mede ahodwiriw tenaa hɔ ara kosii anwummere a wɔbɔ aduan afɔre+ no.  Anwummere a wɔbɔ aduan afɔre+ no, mesɔre fii m’awerɛhow mu; ná masunsuan m’atade ne me nguguso mu, na mibuu nkotodwe+ trɛw me nsam kyerɛɛ Yehowa me Nyankopɔn.+  Na mekae+ sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu+ yɛ me fɛre+ mpo sɛ mɛma me ti so akyerɛ wo; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne+ adɔɔso atra yɛn ti so, na yɛn asodi ayɛ kɛse akodu ɔsoro.+  Efi yɛn agyanom+ bere so na yɛn asodi adɔɔso abesi nnɛ da yi,+ na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahene+ ne yɛn asɔfo+ ahyɛ asase so ahene nsa, wɔ nkrante,+ nkoasom,+ afow+ ne animguase+ mu te sɛ nnɛ da yi.  Na mprempren Yehowa yɛn Nyankopɔn, woahu yɛn mmɔbɔ+ kakra sɛ woama ebinom afi mu aka,+ O yɛn Nyankopɔn. Woama yɛn ase atim* wɔ wo kronkronbea hɔ, woama yɛn ani agye,+ na woama yɛanya ahotɔ kakra afi yɛn nkoasom mu.+  Yɛyɛ nkoa,+ na yɛn nkoasom mu no, yɛn Nyankopɔn, woannyaw yɛn,+ woayɛ yɛn adɔe wɔ Persia ahene+ anim, woapagyaw yɛn bio na yɛatumi ama wo, yɛn Nyankopɔn fie+ so, na yɛakyekye n’amamfõ,+ na yɛanya abo afasu+ wɔ Yuda ne Yerusalem. 10  “Na afei eyi nyinaa akyi no, dɛn na yɛnka, O yɛn Nyankopɔn? Yɛagyaw wo mmara nsɛm+ 11  a wonam wo nkoa adiyifo no so hyɛe no sɛ, ‘Asase a morekɔfa no yɛ asase a ɛho agu fĩ efisɛ ɛso nnipa+ ayɛ afide,+ na wɔn akyide+ nti, abofonode ahyɛ so mã fi ti kosi ti.+ 12  Na mommfa mo mmabea mmma wɔn mmabarima aware,+ na munnnye wɔn mmabea aware mmma mo mmabarima; monnhwehwɛ asomdwoe+ ne yiyedi mmma wɔn da biara da, na moayɛ den+ na moadi asase no so nnepa, na moafa de agyaw mo mma daa.’+ 13  Na nea yɛn nnebɔne+ ne yɛn asodi kɛse nti aba yɛn so nyinaa akyi no,​—O yɛn Nyankopɔn, woammu yɛn bɔne ade kɛse biara,+ na woama ebinom afi mu aka te sɛ eyinom+ 14  so yemmu wo mmara nsɛm so bio na yɛnkɔwareware+ nnipa a wɔyɛ abofonode+ yi? Anka wo bo remfuw yɛn nkosi+ sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obiara mfi mu nka?+ 15  O Yehowa, Israel Nyankopɔn, woteɛ,+ efisɛ yɛafi mu aka de abesi nnɛ da yi. Yɛwɔ w’anim yɛn asodi+ mu; asɛm yi nti, obiara ntumi nnyina w’anim.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “woama yɛanya bofunnua.