Exodus 11:1-10

11  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Aka ɔhaw biako bio a mede bɛba Farao ne Egypt so, na ɛno akyi no, ɔbɛma moafi ha akɔ.+ Ɔbɛma moakɔ koraa, obepiapia mo atiko mpo.+  Afei ka ma ɔman no nte sɛ ɔbarima oo, ɔbea oo, obiara mmisa ne fipamfo hɔ nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika ayɛ.”+  Yehowa maa ɔman no anim baa nyam wɔ Egyptfo no anim.+ Na Mose nso bɛyɛɛ onipa kɛse wɔ Egypt asase so, Farao nkoa anim ne ɔman no anim.+  Mose toaa so kae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛba abɛfa Egypt anadwo dasum,+  na abakan+ biara a ɔwɔ Egypt asase so bewu, efi Farao a ɔte agua so no abakan so kosi afenaa a ɔwɔ owiyammo akyi abakan ne aboa biara abakan so.+  Na osũ kɛse a ebi mmae da na ɛso bi remma bio bɛba Egypt asase nyinaa so.+  Na Israelni anaa n’aboa de, ɔkraman mpo rempɔw no,+ na mubehu sɛ Yehowa betumi apae Egyptfo ne Israelfo ntam.’+  Wo nkoa yi nyinaa bɛba abɛbɔ wɔn mu ase wɔ m’anim+ aka sɛ, ‘Wo ne wo nkurɔfo a wodi w’akyi nyinaa nkɔ.’ Ɛba saa a afei mɛkɔ.” Ɛnna ɔde abufuw fii Farao anim kɔe.  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao rentie mo,+ na eyi bɛma m’anwonwade adɔɔso wɔ Egypt asase so.”+ 10  Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao pirim ne koma, na wamma Israelfo no amfi n’asase so ankɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm